Yosua 15 - KYERƐW KRONKRONYuda asase no ahye 1 Na Yudafo abusuakuw ntonto, sɛ wɔn mmusua te no, ɛtɔɔ Edom hye ho koduu Sin sare so, wɔ nifa fam asase a ɛyɛ nifa hye no awiei so. 2 Na wɔn nifa fam hye no fi Nkyene-Po no awiei no ho, dɔnnɔn a ebu fa nifa fam no ano. 3 Na ɛnam Akrabim aforoee nifa fam sen kɔ Sin, na ɛforo kɔ nifa fam wɔ Kades-barnea, na etwam kɔ Hesron, na ɛforo kɔ Adar, na ɛpono kɔ Karka. 4 Na etwam kɔ Asmon, na ekopue Misraim subon no ano, na ɛkɔpem mpoano. Eyi nyɛ mo nifa fam hye. 5 Na apuei hye ne Nkyene-Po no de besi Yordan awiei. Na benkum fam hye no fi Nkyene-Po ho dɔnnɔn a ɛwɔ Yordan awiei no ho. 6 Na ɔhye no foro kosi Bet-hogla, na ɛsen fa Bet-araba benkum fam, na ɔhye no foro kosi Ruben ba Bohan bo no ho; 7 na ɔhye no fi Akor bon no mu foro kɔ Debir, na ɛdan kɔ benkum fam kyerɛ Gilgal a ɛda Adumim aforoee a ɛwɔ subon no nifa fam ntentenso no. Na ɔhye no twam fa En-semes nsu no ano, na ɛkɔpem En-rogel. 8 Na ɔhye no foro fa Hinom ba bon no mu, Yebusifo nkyɛn mu nifa fam, ɛne Yerusalem; na ɔhye no foro kɔ bepɔw a ɛwɔ Hinom bon no ntentenso wɔ atɔe wɔ Refaim bon no benkum fam awiei no atifi. 9 Na ɔhye no hima fi bepɔw no atifi kɔ Neftoa asuti no ho, na efi hɔ kɔ Efron bepɔw so nkurow ho, na ɔhye no hima kɔ Baala a ɛne Kiriat-yearim. 10 Na ɔhye no kɔntɔn fi Baala kɔ atɔe, Seir bepɔw ho, na ɛsen kɔ Har-yearim, ɛne Kesalon, nkyɛn mu wɔ benkum fam; na esian kɔ Bet-semes, na ɛsen kɔ Timna; 11 na ɔhye no fi kɔ Ekron nkyɛn mu benkum fam, na ɛkɔntɔn kɔ Sikron, na etwam kɔ Baala bepɔw no so, na efi kɔ Yabneel, na ɔhye no kɔpem po no ano. 12 Na atɔe hye no ne Po Kɛse no ne ɛho hye. Eyinom ne Yuda hye a atwa ahyia, sɛ wɔn mmusua te. Kaleb kyɛfa 13 Na Yefune ba Kaleb de, ɔmaa no kyɛfa, Yudafo mu, sɛnea AWURADE hyɛɛ Yosua no: Anak n’agya Arba kurow a ɛne Hebron. 14 Na Kaleb tuu Anak mma baasa no fii hɔ, Sesai ne Ahiman ne Talmai, Anak asefo. 15 Na ofi hɔ foro kɔɔ Debirfo ho; nso kan no na Debir din ne Kiriat-sefer. 16 Na Kaleb kae sɛ: Nea ɔbɛbɔ Kiriat-sefer na ɔbɛfa no, mede me babea Aksa mɛma no aware. 17 Ɛnna Kaleb ne nua Kenas ba Otniel kɔfae, na ɔde ne babea Aksa maa no aware. 18 Na ɔbea no kɔɔ Otniel nkyɛn no, Otniel ka kyerɛɛ Aksa sɛ ommisa n’agya [Kaleb] hɔ asase bi; na ɔbea no fi n’afurum so sii fam; na Kaleb bisaa no sɛ: Ɛdɛn na wohwehwɛ? 19 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ma me akyɛde bi ɛ, na nifa asase na wode ama me nti, ma me mmasu nso. Na ɔmaa no atifi mmasu ne anafo mmasu. Yuda mma no kyɛfa 20 Eyi ne Yuda mma abusuakuw no agyapade, sɛ wɔn mmusua te. 21 Na Yudafo abusuakuw no nkurow a ɛdeda nifa fam pɛɛ de rekɔ Edom hye so ne: Kabseel ne Eder ne Yagur, 22 ne Kina ne Dimona ne Adada, 23 ne Kedes ne Hasor ne Itnan, 24 Sif ne Telem ne Bealot, 25 ne Hasor-hadata ne Keriot, Hesron, ɛne Hasor, 26 Amam ne Sema ne Molada, 27 ne Hasar-gada ne Hesmon ne Bet-pelet, 28 ne Hasar-sual ne Beer-seba ne ɛho nkuraa, 29 Baala ne Iyim ne Esem, 30 ne Eltolad ne Kesil ne Horma, 31 ne Siklag ne Madmana ne Sansana, 32 ne Lebaot ne Silhim ne Ain ne Rimon: Ne nyinaa si nkurow aduonu akron ne ɛho nkuraa. 33 Po ho tataw no so de ne: Estaol ne Sora ne Asna, 34 Sanoa ne En-ganim, Tapua ne Enam, 35 Yarmut ne Adulam, Soko ne Aseka, 36 Saaraim ne Aditaim ne Gedera ne Gederotaim: Nkurow dunan ne ɛho nkuraa. 37 Senan ne Hadasa ne Migdal-gad, 38 ne Dilean ne Mispe ne Yokteel, 39 Lakis ne Boskat ne Eglon, 40 ne Kabon ne Lahmas ne Kitlis, 41 ne Gederot, Bet-dagon ne Naama ne Makeda: Nkurow dunsia ne ɛho nkuraa. 42 Libna ne Eter ne Asan, 43 ne Yifta ne Asna ne Nesib, 44 ne Keila ne Aksib ne Maresa: Nkurow akron ne ɛho nkuraa. 45 Ekron ne ɛho nkurow ne nkuraa, 46 efi Ekron de kosi po fam nea ɛwɔ Asdod nkyɛn mu nyinaa ne ɛho nkuraa. 47 Asdod, ɛho nkurow ne nkuraa, Gasa, ɛho nkurow ne nkuraa de kosi Misraim subon no ano, ne Po Kɛse ne ɛho hye. 48 Na mmepɔw so de ne: Samir ne Yatir ne Soko, 49 ne Dana ne Kiriat-sana a ɛne Debir, 50 ne Anab ne Estemo ne Anim, 51 ne Gosen ne Holon ne Gilo: Nkurow dubiako ne ɛho nkuraa. 52 Arab ne Duma ne Esan, 53 ne Yanum ne Bet-apua ne Afeka, 54 ne Humta ne Kiriat-arba a ɛne Hebron, ne Sior: Nkurow akron ne ɛho nkuraa. 55 Maon, Karmel ne Sif ne Yuta, 56 ne Yesreel ne Yokdeam ne Sanoa, 57 Kain, Gibea ne Timna: Nkurow du ne ɛho nkuraa. 58 Halhul, Bet-sur ne Gedor, 59 ne Maarat ne Bet-anot ne Eltekon: Nkurow asia ne ɛho nkuraa. 60 Kiriat-baal a ɛne Kiriat-yearim ne Raba: Nkurow abien ne ɛho nkuraa. 61 Num so de ne: Bet-araba, Midin ne Sekaka, 62 ne Nibsan ne Ir-hamela ne En-gedi: Nkurow asia ne ɛho nkuraa. 63 Na Yebusifo a wɔte Yerusalem no de, Yudafo no antumi antu wɔn, na Yebusifo no ne Yudafo no tenaa Yerusalem de abesi nnɛ. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana