Yosua 11 - KYERƐW KRONKRONIsrael nkonimdi 1 Na Hasor hene Yabin tee no, ɔsoma kɔɔ Madon hene Yobab ne Simron hene ne Aksaf hene nkyɛn, 2 ne ahene a wɔwɔ benkum fam mmepɔw so, ne Kinerot nifa fam tataw so, ne po ho tataw so, ne Dor nkoko so, Atɔe po fam; 3 Kanaanfo a wɔwɔ Apuei ne atɔe ne Amorifo ne Hetifo ne Perisifo ne mmepɔw so Yebusifo ne Hewifo a wɔwɔ Hermon bepɔw ase, Mispa asase so no nkyɛn. 4 Na wɔne wɔn dɔm a ɛka wɔn ho no nyinaa fi bae, nnipa pepeankama a wɔn dodow te sɛ mpoano anwea, ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam pii pa ara. 5 Na ahene yi nyinaa behyiae, na wɔbae bɛkyekyeree nsraban faako, Merom asu ho, sɛ wɔne Israel rebɛko. 6 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn anim, na ɔkyena sesɛbere, me na mɛma woakum wɔn nyinaa, Israel anim. Wɔn apɔnkɔ no, twitwa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, fa ogya hyew. 7 Ɛnna Yosua ne akofo dɔm a wɔka ne ho no nyinaa baa wɔn so mpofirim, Merom asu no ano, bɛtoaa wɔn. 8 Na AWURADE de wɔn hyɛɛ Israel nsa na wokunkum wɔn na wɔtaa wɔn de koduu Sidon kɛse ne Misrefot-maim ho ne Mispa obon no mu, apuei fam, na wokunkum wɔn de kosii sɛ wɔannyaw wɔn oguanfo bi. 9 Na Yosua yɛɛ wɔn sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ no no: Wɔn apɔnkɔ no, otwitwaa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, ɔde gya hyewee. 10 Na Yosua sanee bere no ara mu bɛfaa Hasor, na ɔde nkrante kum ne hene; na kan no na Hasor ne saa ahenni yi nyinaa ti. 11 Na wɔde nkrante kunkum akra a ɛwɔ mu nyinaa sɛee wɔn pasaa, wɔannyaw biribiara a ɛhome, na ɔde gya hyew Hasor. 12 Na ahene yi nkurow nyinaa ne emu ahene nyinaa, Yosua fae, na ɔde nkrante kunkum wɔn sɛee wɔn pasaa, sɛnea AWURADE akoa Mose hyɛɛ no. 13 Nanso nkurow a ɛda so sisi wɔn sibea no nyinaa, Israel anhyehyew, gye Hasor nko na Yosua hyewee. 14 Na nkurow yi mu asade nyinaa ne mmoa no, Israelfo no fom fae, na nnipa no de, wɔde nkrante kunkum wɔn kosii sɛ woguu wɔn ase dwerɛbee a, wɔannyaw biribiara a ɛhome. 15 Sɛnea AWURADE hyɛɛ n’akoa Mose no, saa ara na Mose hyɛɛ Yosua, na saa ara na Yosua yɛe; wanyi asɛm bi amfi nea AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa mu. 16 Na Yosua faa asase yi nyinaa: Mmepɔw no ne nifa nyinaa ne Gosen asase nyinaa, ne po ho tataw no, ne Araba so ne Israel mmepɔw ne ɛho asasetaw no; 17 efi bepɔw a ɛso petee a ɛforo kɔ Seir ho kosi Baal-gad, Lebanon bon no mu, Hermon bepɔw ase. Na wɔn ahene no nyinaa, Yosua faa wɔn na ɔbobɔɔ wɔn kunkum wɔn. 18 Nna bebree na Yosua ne saa ahene yi koe. 19 Kurow biara nni hɔ a wɔne Israelfo dii asomdwoesɛm, gye Hewifo a wɔte Gibeon no nko; ɔsa mu na wɔfaa ne nyinaa. 20 Na efi AWURADE, sɛ opirim wɔn koma sɛ wonkohyia Israel ɔko mu, na wɔasɛe wɔn pasaa na wɔanhu wɔn mmɔbɔ, na mmom wɔasɛe wɔn sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. 21 Na Yosua bae bere no mu betwitwaa Anakfo no gui fii mmepɔw no so, fii Hebron, Debir, Anab ne Yuda mmepɔw nyinaa ne Israel mmepɔw nyinaa so, na Yosua sɛee wɔn ne wɔn nkurow nyinaa pasaa. 22 Wɔannyaw Anakfo Israelfo no asase so; gye Gasa ne Gad ne Asdod na ebi kae. 23 Na Yosua faa asase no nyinaa, sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ Mose no nyinaa; na Yosua kyekyɛɛ mu maa Israel ma ɛyɛɛ wɔn agyapade, sɛnea wɔn nkyekyem te, wɔn mmusuakuw no mu. Na asase no home fii akodi mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana