Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yosua 10 - KYERƐW KRONKRON


Gibeon sa

1 Na Yerusalem hene Adoni-sedek tee sɛ Yosua afa Ai na wasɛe no pasaa, na sɛnea ɔyɛɛ Yeriko ne ne hene no, saa ara na wayɛ Ai ne ne hene nso,

2 ne sɛ Gibeonfo ne Israel adi asomdwoesɛm na wɔaba wɔn mu no, wosuroe papaapa, efisɛ Gibeon yɛ kurow kɛse te sɛ ahenni nkurow no bi, na ɛso sen Ai, na emu mmarima nyinaa yɛ nnɔmmarima.

3 Na Yerusalem hene Adoni-sedek soma kɔɔ Hebron hene Hoham ne Yarmut hene Piram ne Lakis hene Yafia ne Eglon hene Debir nkyɛn sɛ:

4 Mommra me nkyɛn mmɛboa me, na yenkunkum Gibeon, efisɛ wɔne Yosua ne Israelfo no akodi asomdwoesɛm.

5 Na Amorifo ahene baanum boaboaa wɔn ho ano bae, Yerusalem hene, Hebron hene, Yarmut hene, Lakis hene, Eglon hene, wɔne wɔn dɔm nyinaa, na wɔbɛbɔɔ Gibeon so nsra sɛ wɔne wɔn rebɛko.

6 Ɛnna Gibeonfo no soma baa Yosua nkyɛn Gilgal nsra no mu sɛ: Nyi wo nsa mfi wo nkoa so, bra yɛn nkyɛn ntɛm begye yɛn nkwa na di boa yɛn, na Amorifo a wɔte mmepɔw so ahene nyinaa abehyia ahyɛ yɛn.

7 Ɛnna Yosua fii Gilgal foro kɔe, ɔno ne akofo dɔm no nyinaa ne nnɔmmarima nyinaa.

8 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn, na wo nsam na mede wɔn mahyɛ, wɔn mu biara rennyina w’anim.

9 Na Yosua baa wɔn so mpofirim, ɔde anadwo mu no nyinaa na ɛforo fii Gilgal bae.

10 Na AWURADE kaa wɔn gui Israel anim, na wɔde okunkɛse kunkum wɔn wɔ Gibeon, na wotiw wɔn Bet-horon aforoee kwan no so, na wonkunkum wɔn de kosii Aseka ne Makeda.

11 Na wɔreguan afi Israel anim na wokoduu Bet-horon asianee mu no, AWURADE totow abo akɛse fi soro guguu wɔn so de koduu Aseka ma wowuwui; wɔn a amparuwbo no kunkum wɔn dɔɔso sen wɔn a Israelfo no kunkum wɔn nkrante ano no.


Owia ne ɔsram di Yosua asɛm so

12 Ɛno mu na Yosua kasa kyerɛɛ AWURADE, da a AWURADE de Amorifo mae Israel anim no, na ɔkae Israel anim sɛ: Owia, twɛn wɔ Gibeon, ne ɔsram, wɔ Ayalon bon mu.

13 Na owia twɛnee, na ɔsram gyinae de kosii sɛ ɛdɔm no tɔɔ wɔn atamfo so were. So wɔnkyerɛw eyi wɔ Yasser Nhoma no mu? Na owia gyinae ɔsoro fa, na ampɛ ntɛm ankɔtɔ bɛyɛ da mu.

14 Na ɛda bi mmae da sɛ ɛno nea aba pɛn, anaa nea ɛbɛba a AWURADE atie onipa nne, efisɛ AWURADE ko maa Israel.

15 Na Yosua sanee ne Israel nyinaa baa Gilgal nsra no mu.

16 Na ahene baanum yi guan kohintaw Makeda ɔbodan no mu.

17 Na wɔbɛka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yɛahu ahene baanum no sɛ wohintaw Makeda ɔbodan no mu.

18 Na Yosua kae sɛ: Munkopirew abo akɛse nkata ɔbodan no ano, na momfa mmarima nnyina ho mma wɔnwɛn wɔn.

19 Na mo de, munnnyina hɔ, muntiw mo atamfo no, na munkum wɔn kyidɔm no; mommma wonnnu wɔn nkurow mu, efisɛ AWURADE mo Nyankopɔn de wɔn ahyɛ mo nsa.

20 Na Yosua ne Israelfo no de okum kɛse pa kunkum wɔn wiei ma wɔsae, na nnipa a wofii mu no guanguan kɔhyɛnhyɛn nkurow a wɔatoto ho afasu mu no,

21 na ɔman no nyinaa san baa nsra no mu Yosua nkyɛn wɔ Makeda dwoodwoo; obiara amma n’ano anto Israelfo no.

22 Na Yosua kae sɛ: Mummue ɔbodan no ano, na munyi ahene baanum no mfi ɔbodan no mu mmrɛ me.

23 Na wɔyɛɛ saa, na woyiyii ahene baanum no fii ɔbodan no mu brɛɛ no: Yerusalem hene, Hebron hene, Yarmut hene, Lakis hene ne Eglon hene.

24 Na wɔde ahene yi fi brɛɛ Yosua no, Yosua frɛɛ Israel mmarima nyinaa bae, na ɔka kyerɛɛ mmarima akofofo a wɔne no kɔe no asafohene no sɛ: Muntwiw mmra mfa mo nan mmesisi ahene yi kɔn so. Na wotwiw bae de wɔn anan besisii wɔn kɔn so.

25 Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munnsuro, na mo bo nntu, mo ho nyɛ den na monyɛ nnam. Na saa ara na AWURADE bɛyɛ mo atamfo a mo ne wɔn ko no nyinaa.

26 Na ɛno akyi no, Yosua bobɔɔ wɔn kunkum wɔn, na ɔde wɔn sensɛn nnua anum so, na wɔsensɛn nnua no so kosii anwummere.

27 Na owia rekɔtɔ no, Yosua hyɛe ma woyiyii wɔn fii nnua no so, na wɔkɔtow wɔn guu ɔbodan a wokohintaw mu no mu, na wɔde abo akɛse guu ɔbodan no ano a ɛwɔ hɔ de besi nnɛ yi ara.

28 Na Yosua faa Makeda da no ara, na ɔde nkrante kunkum wɔn ne emu hene nso; na ɔsɛee akra a wɔwɔ mu nyinaa pasaa, wamma obiara anka, na ɔyɛɛ Makeda hene sɛnea ɔyɛɛ Yeriko hene no.

29 Ɛnna Yosua twaam fii Makeda kɔɔ Libna a Israel nyinaa ka ne ho, na ɔne Libna kɔkoe.

30 Na AWURADE de ɛno ne emu hene nso hyɛɛ Israel nsa, na ɔde nkrante kunkum akra a wɔwɔ mu nyinaa, wamma obiara anka, na ɔyɛɛ ne hene no sɛnea ɔyɛɛ Yeriko hene no.

31 Na Yosua twaam fii Libna kɔɔ Lakis a Israel nyinaa ka ne ho, na ɔbɔɔ so nsra, na ɔne wɔn koe.

32 Na AWURADE de Lakis hyɛɛ Israel nsa, na wɔfae da a ɛto so abien no, na ɔde nkrante kunkum wɔn ne akra a wɔwɔ mu nyinaa, sɛnea ɔyɛɛ Libna no ara.

33 Ɛno mu no Geser hene Horam foro bae bɛboaa Lakis. Na Yosua kum no ne ne man nyinaa a wamma obiara anka.

34 Ɛnna Yosua twaam fii Lakis kɔɔ Eglon a Israel nyinaa ka ne ho, na wotuae, na wɔne wɔn koe.

35 Na wɔfae da no ara, na wɔde nkrante kunkum wɔn ne akra a ɛwɔ mu nyinaa; da no ara na ɔsɛee wɔn pasaa sɛnea ɔyɛɛ Lakis no ara.

36 Ɛnna Yosua foro fii Eglon kɔɔ Hebron a Israel nyinaa ka ne ho, na ɔne wɔn koe.

37 Na wɔfae de nkrante kunkum wɔn ne emu hene ne wɔn nkurow no nyinaa ne akra a ɛwɔ mu nyinaa; wamma obiara anka, sɛnea ɔyɛɛ Eglon no ara, na ɔsɛee ɛno ne akra a ɛwɔ mu nyinaa pasaa.

38 Ɛnna Yosua san baa Debir a Israel nyinaa ka ne ho, ne no bɛkoe.

39 Na ɔfae, ɛne ne hene ne ne nkurow nyinaa, na wɔde nkrante kunkum wɔn, na wɔsɛee akra a ɛwɔ mu nyinaa pasaa, wamma obiara anka; sɛnea ɔyɛɛ Hebron ne Libna ne ne hene no, saa ara na ɔyɛɛ Debir ne ne hene.

40 Na Yosua sɛee asase no nyinaa: Mmepɔw no ne nifa fam ne po ho tataw so ne mmepɔw ase ne wɔn ahene nyinaa, wannyaw oguanfo biara, na ade biara a ɛhome no, ɔsɛee no pasaa, sɛnea AWURADE, Israel Nyankopɔn, hyɛe no.

41 Na Yosua kunkum wɔn fii Kades-barnea koduu Gasa, ne Gosen asase no nyinaa koduu Gibeon.

42 Na ahene yi nyinaa ne wɔn asase no Yosua fae prɛko, efisɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, ko maa Israel.

43 Na Yosua san baa Gilgal nsra no mu a Israel nyinaa ka ne ho.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan