Yosua 1 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn yi Yosua kyerɛ no nea ɔnyɛ 1 Na AWURADE akoa Mose wu akyi no, AWURADE ka kyerɛɛ Nun ba Yosua, Mose somfo no sɛ: 2 M’akoa Mose awu enti afei sɔre twa Yordan yi, na wo ne ɔman Israelfo yi nyinaa nkɔ asase a mede merema mo, no so. 3 Baabiara a mo nan betia no, mo na mede mɛma mo, sɛnea meka mekyerɛɛ Mose no, 4 efi sare no so ne Lebanon yi ho de kosi asu kɛse no, asubɔnten Eufrate ano, Hetifo asase nyinaa de kosi po kɛse no ano wɔ nea owia kɔtɔ hɔ na ɛnyɛ mo hye. 5 Obi biara rennyina w’anim, wo nkwa nna nyinaa; sɛnea midii Mose akyi no, saa ara na medi w’akyi; merempa wo na merennyaw wo. 6 Wo ho nyɛ den na yɛ nnam, na wo na wobɛkyɛ asase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede mɛma wɔn no mu ama ɔman yi. 7 Wo ho ara na ɛnyɛ den na yɛ nnam pa ara, na hwɛ di mmara a mehyɛɛ m’akoa Mose no nyinaa so; mfi ho nkɔ nifa anaa benkum, na nea wobɛkɔ nyinaa woadi yiye. 8 Mma mmara nhoma yi mmfi w’anom, na dwen ho awia ne anadwo, na woahwɛ ayɛ sɛnea wɔakyerɛw wɔ mu nyinaa te no. Na ɛno na wo kwan bɛyɛ dwoodwoo, na ɛno na ebesi wo yiye. 9 Ɛno menhyɛɛ wo sɛ yɛ den na yɛ nnam, nsuro, na mma wo bo nntu anaa? Efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn di w’akyi nea wokɔ nyinaa. Yosua Kyerɛ Ɔman Adikanfo no Nea wɔnyɛ 10 Ɛnna Yosua hyɛɛ ɔman no ahwɛfo no sɛ: 11 Momfa nsra no mu, na monhyɛ ɔman no sɛ: Munsiesie akwansoduan nsie, na ɛha yi nnansa morebetwa Yordan yi akɔfa asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo sɛ munni so no so. 12 Na Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no de, Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: 13 Monkae asɛm a AWURADE akoa Mose hyɛɛ mo sɛ: AWURADE mo Nyankopɔn de mo atena ase, na ɔde asase yi ama mo; 14 mo yerenom, mo mma ne mo mmoakuw ntena asase a Mose de maa mo Yordan agya yi so, na mo de, munni mo nuanom anim amia mu, akofofo nyinaa, na munni mmoa wɔn, 15 nkosi sɛ AWURADE de mo nuanom bɛtena ase sɛ mo, na wɔn nso wobedi asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema wɔn no so ansa na moasan aba mo sodi asase no so abedi so, sɛ AWURADE akoa Mose de maa mo, Yordan agya owiapuei hɔ no. 16 Na wobuaa Yosua sɛ: Nea woahyɛ yɛn nyinaa, yɛbɛyɛ, na baabiara a wosoma yɛn no, yɛbɛkɔ. 17 Sɛnea yetiee Mose, nsɛm nyinaa no, saa ara na yebetie wo; odi na AWURADE wo Nyankopɔn nni w’akyi, sɛnea odii Mose akyi no. 18 Obiara a ɔbɛtew w’anom asɛm ho atua na ɔrentie wo nyɛ nea wobɛhyɛ yɛn nyinaa no, wonkum no. Den nko na wo ho nyɛ, na yɛ nnam. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana