Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yona 4 - KYERƐW KRONKRON


Yona abufuw ne ne nteɛso

1 Na asɛm yi anyɛ Yona dɛ koraa, na ne bo fuwii.

2 Na obisaa sɛ: Ao, AWURADE! So ɛnyɛ m’asɛm a meda so mewɔ m’asase so no mekae ni? Eyi ara nti na meyɛɛ ntɛm sɛ mereguan makɔ Tarsis, efisɛ minim sɛ wo de, woyɛ Onyankopɔn ɔdomfo ne mmɔborohunufo, wo bo kyɛ fuw na w’adɔe dɔɔso, na wosakra w’adwene wɔ mmusu a wode reba ho.

3 Na afei, AWURADE, gye me kra fi me nsam ɛ, na owu ye ma me sen nkwa.

4 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: So eye sɛ wo bo afuw yi?

5 Na Yona fii adi fii kurow no mu, na ɔkɔtenaa kurow no apuei, na ɔbɔɔ ɔsese hɔ fae, na ɔtenaa ase onwini no mu sɛ enkosi sɛ obehu dekode a ɛbɛyɛ kurow no.

6 Na AWURADE Nyankopɔn siesiee adedenkuruma, na ɛfefɛw kataa Yona so ma n’atifi nyaa onwini, sɛ enyi no mfi n’ahohia no mu. Na Yona ani gyei adedenkuruma no ho kɛse.

7 Na n’adekyee a owia reba abepue no, Onyankopɔn siesiee aboaa bi ma ofitii adedenkuruma no mu ma ɛpoe.

8 Na owia puei no, Onyankopɔn siesiee apuei mframa a emu yɛ hyew, na owia bɔɔ Yona atifi ma ɔtɔɔ piti. Na ɔsrɛe sɛ anka onwu, na ose: Owu ye ma me sen nkwa.

9 Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yona sɛ: So eye sɛ wo bo fuw adedenkuruma no ho yi? Na Yona buae sɛ: Yiw eye sɛ me bo fuw de kɔ owu mu.

10 Na AWURADE kae sɛ: Wo de, adedenkuruma no asɛm yɛ wo yaw, nso wonyɛɛ ho adwuma bi, na ɛnyɛ wo na woma enyinii, na ɛbae anadwo koro na ɛsɛee anadwo koro.

11 Na me de, Niniwe kurow kɛse a nnipa bɛboro ɔpeha aduonu a wonnim nifa ne benkum ne afieboa pii nso wɔ mu no de, renyɛ me yaw anaa?

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan