Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yona 1 - KYERƐW KRONKRON


Yona frɛ ne n’asoɔden

1 Na AWURADE asɛm baa Amitai ba Yona nkyɛn sɛ:

2 Sɔre kɔ Niniwe kurow kɛse no mu, na pae mu ma wonhu sɛ wɔn bɔne aforo aba m’anim.

3 Ɛnna Yona sɔree sɛ ɔreguan akɔ Tarsis afi AWURADE anim, na osian kɔɔ Yopa, na okohuu hyɛn bi a ɛrekɔ Tarsis; na otuaa ka kɔɔ mu sɛ ɔreguan AWURADE anim ne wɔn akɔ Tarsis.

4 Na AWURADE maa mframa a ano yɛ den bɛbɔe ɛpo no so, na ahum kɛse tui na hyɛn no yɛe sɛ ɛrebɛbɔ.

5 Na hyɛn no mufo no suroe, na wɔteɛteɛɛm frɛfrɛɛ wɔn anyame, na wɔtotow hyɛn no mu aguade guguu po mu na ayɛ hare ama wɔn; nso na Yona de, na wasian kɔ hyɛn no yam akɔda hatee.

6 Ɛnna hyɛn mu panyin no kɔɔ Yona nkyɛn, na obisaa no sɛ: Wokyerɛ dɛn nti na woda hatee sɛɛ? Sɔre su frɛ wo nyame, sɛ ebia obedwen yɛn ho na yɛantotɔ wɔ ha.

7 Na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Mommra mma yɛmmɔ ntonto mfa nhu nea ne nti, saa amane yi aba yɛn so yi. Na wɔbɔɔ ntonto no, ɛbɔɔ Yona.

8 Ɛnna wɔsrɛɛ Yona sɛ: Kyerɛ yɛn nea ne nti saa amane yi aba yɛn so yi! W’adwuma ne dɛn, na ɛhe na wufi reba yi? Wufi ɔman bɛn mu, na wo nkyi ne he?

9 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Meyɛ Hebrini, na mesɔre AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn a ɔyɛɛ ɛpo ne asase kesee no.

10 Ɛnna nnipa no suroe pii pa ara, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn na woayɛ yi? Na nnipa no nim sɛ AWURADE anim na ɔreguan afi, efisɛ waka akyerɛ wɔn.

11 Na wobisaa no sɛ: Dɛn na yɛnyɛ wo, na ɛpo no ano nnwo mma yɛn? Efisɛ na ɛpo no kɔ so huru ara.

12 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa me, na montow me nkyene po no mu, na ɛpo no bedwo ama mo; na minim sɛ me nti na ahum kɛse yi aba mo so yi.


Yona asotwe

13 Nanso nnipa no bɔɔ mmɔden biara sɛ wɔresan aba asase kesee so, na wɔantumi, efisɛ ɛpo no kɔ so huru hyia wɔn ara.

14 Ɛnna wosu frɛɛ AWURADE sɛ: O AWURADE, onipa yi kra nti mma yɛntotɔ, na mfa mogya a yedi ho bem ngu yɛn so. Na wo, AWURADE, na woyɛ sɛnea wopɛ.

15 Ɛnna wɔmaa Yona so tow no kyenee po no mu, na ɛpo no gyaee ne hamahamayɛ.

16 Na nnipa no suroo AWURADE pii pa ara, na wɔbobɔɔ afɔre maa AWURADE, na wɔhyehyɛɛ no bɔ.

17 Nso na AWURADE asiesie apataa kɛse bi sɛ ɔmmene Yona. Na Yona dii apataa no yam nnansa awia ne anadwo.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan