Yohane 5 - KYERƐW KRONKRONBetsaida obubuafo no ayaresa 1 Eyi akyi no, Yudafo afahyɛ dui, na Yesu kɔɔ Yerusalem. 2 Nso ɔtare bi wɔ Yerusalem nguanten ponkɛse a wɔfrɛ no Hebri mu sɛ Betesda a ɛwɔ ntwironoo anum no ho. 3 Na eyinom mu na nnipa pii, ayarefo, anifuraefo, mpakye ne wɔn a wɔn fa awuwu dedae 4 (retwɛn nsu no wosow. Na edu bere bi mu a, ɔbɔfo sian ba ɔtare no mu bɛfono nsu no, na nea nsu no fono akyi no odi kan kɔ mu no, ɔyare biara a ɔyare no, na ne ho ayɛ no den.) 5 Na onipa bi wɔ hɔ a wadi mfirihyia aduasa awotwe n’ahoɔmmerɛw mu. 6 Ɔno na Yesu huu no sɛ ɔda hɔ na ɔtee sɛ wakyɛ no, osee no sɛ: Wopɛ sɛ wo ho yɛ wo den anaa? 7 Ɔyarefo no buaa no sɛ: Owura, minni onipa bi a sɛ nsu no fono a, ɔde me kɔto ɔtare no mu; na sɛ merekɔ a, na obi adi me kan akɔ mu. 8 Yesu see no sɛ: Sɔre, yi wo kɛtɛ, na nantew! 9 Na ntɛm ara onipa no ho yɛɛ no den, na oyii ne kɛtɛ, na ɔnantewee. Nso da no yɛ homeda. Yudafo akyinnyegye 10 Enti Yudafo no ka kyerɛɛ nea wasa no yare no sɛ: Ɛnnɛ yɛ homeda; wunni ho kwan sɛ wosoa wo kɛtɛ. 11 Obuaa wɔn sɛ: Nea ɔmaa me ho yɛɛ me den no, ɔno ara no osee me sɛ: Yi wo kɛtɛ, na nantew! 12 Ɛnna wobisaa no sɛ: Hena ne onipa a osee wo sɛ: Yi wo kɛtɛ, na nantew no? 13 Nso nea ne ho asan no nnim onipa ko; efisɛ na nkurɔfokuw no wɔ hɔ nti, Yesu nso atwe ne ho afi hɔ. 14 Eyi akyi no, Yesu huu no asɔrefi, na osee no sɛ: Hwɛ, wo ho ayɛ wo den; nyɛ bɔne bio, na nea ɛyɛ bɔne sen eyi anyɛ wo. 15 Onipa no siim kɔe kɔka kyerɛɛ Yudafo no sɛ ɛyɛ Yesu na ɔmaa ne ho yɛɛ no den. 16 Na eyi nti Yudafo no taa Yesu, efisɛ wayɛ nneɛma yi homeda. 17 Na obuaa wɔn sɛ: M’Agya gu so yɛ adwuma besi sesɛɛ, na me nso meyɛ adwuma. 18 Na eyi mmom nti afei Yudafo no hwehwɛe sɛ wokum no, sɛ ɛnyɛ homeda nko na wasɛe no, na mmom sɛ ɔfrɛ Onyankopɔn n’ankasa n’Agya de yɛ ne ho sɛ ɔne Nyankopɔn sɛ. Yesu mmuae 19 Ɛnna Yesu bua see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, Ɔba no ankasa ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye nea wahu Agya no sɛ ɔyɛ; efisɛ biribiara a Ɔno yɛ no, ɛno ara na Ɔba no nso yɛ. 20 Na Agya no dɔ Ɔba no, na ɔkyerɛ no nea n’ankasa yɛ nyinaa; na ɔbɛkyerɛ no nnwuma akɛse a ɛsen eyinom, na ayɛ mo nwonwa. 21 Na sɛnea Agya no nyan awufo na ɔma wɔn nkwa no, saa ara na Ɔba no nso ma wɔn a ɔpɛ nkwa. 22 Na Agya no nso mmu obiara atɛn, na ɔde atemmu nyinaa ahyɛ Ɔba no nsa, 23 sɛ wɔn nyinaa nni Ɔba no ni, sɛnea wodi Agya no ni no. Nea onni Ɔba no ni no nni Agya a ɔsomaa no no ni. Owusɔre ne atemmu 24 Mereka no nokware mu pa ara sɛ: Nea ɔte m’asɛm na ogye nea ɔsomaa me no di no wɔ daa nkwa, na ɔremma atemmu mu, na watwam afi wu mu akɔ nkwa mu. 25 Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Dɔn no reba na adu a awufo bɛte Nyankopɔn ba no nne, na wɔn a wɔte no benya nkwa. 26 Na sɛnea Agya no wɔ nkwa n’ankasa mu no, saa ara na ɔde ama Ɔba no nso sɛ onnya nkwa n’ankasa mu; 27 na wama no tumi sɛ ommu atɛn nso, efisɛ ɔyɛ Onipa Ba. 28 Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ adakamena mu nyinaa bɛte ne nne, 29 na wɔafi adi; wɔn a wɔayɛ papa no bɛkɔ nkwa wusɔre mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no bɛkɔ atemmu wusɔre mu. 30 Me de, mintumi menhyɛ me ho menyɛ hwee; sɛnea mete no na mibu atɛn, na m’atemmu no yɛ trenee. Na menhwehwɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde. 31 Sɛ m’ankasa midi me ho adanse a, m’adanse no nyɛ nokware. 32 Obi wɔ hɔ a odi me ho adanse, na minim sɛ adanse a odi me ho no yɛ nokware. Osuboni Yohane adanse 33 Mo de, moasoma akɔ Yohane nkyɛn, na wadi nokware adanse; 34 na me de, minnye adanse onipa bi nkyɛn, na meka mo eyinom, na moanya nkwa. 35 Ɔno ne kanea a ɛdɛw na ɛhyerɛn; na mo de, mopɛe sɛ mo ani gye kakra ne hann no mu. Onyankopɔn ankasa adanse 36 Na me de, mewɔ adanse a ɛsen Yohane de no; na nnwuma a Agya no de ama me sɛ minwie no, nnwuma no ara a meyɛ no di me ho adanse sɛ Agya no na asoma me. 37 Na Agya no a ɔsomaa me no ankasa adi me ho adanse. Moante ne nne ara da, nso moanhu ne suban; 38 na munni n’asɛm no wɔ mo mu, efisɛ nea ɔsomaa no no, munnye no nni! Apam dedaw adanse 39 Mohwehwɛ kyerɛw nsɛm no mu, efisɛ mususuw sɛ mowɔ daa nkwa wɔ mu; na ɛne nea edi me ho adanse, 40 na mompɛ sɛ moba me nkyɛn, na moanya nkwa. Nidi ahorow abien 41 Minnye anuonyam mfi nnipa nkyɛn, 42 na mahu mo sɛ munni Nyankopɔn dɔ wɔ mo mu. 43 Me de, mebae m’Agya din mu, na munnye me; sɛ ɔfoforo ba n’ankasa din mu a, ɔno na mubegye no. 44 Ɛbɛyɛ dɛn na mo a mugye anuonyam mo ho mo ho nkyɛn betumi agye adi, mo a Onyankopɔn koro no nkyɛn anuonyam de, monhwehwɛ? Mose ho akyinnyegye 45 Munnsusuw sɛ mede mo betwa, Agya no anim, na nea ɔde mo twa no wɔ hɔ: Ɔne Mose a mode mo ani ato no so no. 46 Na sɛ mugye Mose di a, anka mubegye me adi; na me ho nsɛm na ɔno kyerɛwee. 47 Na sɛ munnye ne kyerɛw nsɛm no nni a, ɛbɛyɛ dɛn na mubegye me nsɛm adi? |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana