Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yohane 11 - KYERƐW KRONKRON


Lasaro yare

1 Na ɔyarefo bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Lasaro a ofi Betania, Maria ne ne nuabea Marta kurow mu.

2 Na ɛyɛ Maria a ɔde ngo huamhuam sraa Awurade na ɔde ne ti nwi popaa ne nan ho no, na ne nua Lasaro yare no.

3 Enti ne nuanom soma baa Yesu nkyɛn sɛ: Awurade, hwɛ, nea wodɔ no no yare.

4 Na Yesu tee no, ɔkae sɛ: Ɔyare yi nyɛ owuyare, na Onyankopɔn anuonyam ntia, sɛ wɔbɛfa so ahyɛ Onyankopɔn ba no anuonyam.


Yesu kɔ Betania

5 Nso Yesu dɔ Marta ne ne nuabea no ne Lasaro.

6 Na afei ɔtee sɛ ɔyare no, ɔtenaa faako a ɔwɔ hɔ ara nnanu.

7 Na ɛno akyi no, osee n’asuafo no sɛ: Momma yɛnkɔ Yudea bio!

8 Asuafo no see no sɛ: Rabi, nnansa yi ara na Yudafo rehwehwɛ sɛ wosiw wo abo, na worekɔ hɔ bio yi?

9 Yesu buae sɛ: Ɛnyɛ nnɔnhwerew dumien na ɛwɔ da biako mu? Sɛ obi nam awia a, onhintiw, efisɛ ohu wiase hann;

10 na sɛ obi nam anadwo a, ohintiw, efisɛ hann nni no mu.

11 Ɔkaa eyinom, na ɛno akyi no, osee wɔn sɛ: Yɛn adamfo Lasaro ada; na merekɔ makonyan no.

12 Ɛnna n’asuafo no kae sɛ: Awurade, sɛ wada de a, ɔbɛsɔre.

13 Na Yesu de, ɔkaa ne wu ho asɛm; na wɔn de, wosusuwii sɛ nna pa ho asɛm na ɔreka.

14 Ɛnna afei Yesu see wɔn pefee sɛ: Lasaro awu;

15 na mo nti ɛyɛ me dɛ sɛ minni hɔ, na moagye adi. Nanso momma yɛnkɔ ne nkyɛn!

16 Ɛnna Toma a wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfo asuafo no sɛ: Yɛn nso, momma yɛnkɔ na yɛne no nkowu!


Lasaro wu ne ne sie

17 Ɛnna Yesu duu hɔ no, obehui sɛ wadi ɔda mu nnanan dedaw.

18 Nso Betania bɛn Yerusalem, ɛbɛyɛ sɛ akwansin abien,

19 na Yudafo no mu pii aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wobegyam wɔn, wɔn nua no nti.

20 Ɛnna Marta tee sɛ Yesu reba no, okohyiaa no; na Maria de, ɔte fie.

21 Ɛnna Marta see Yesu sɛ: Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nuabarima anwu.

22 Na seisei po minim sɛ biribiara a wubebisa Onyankopɔn no, ɔde bɛma wo.

23 Yesu see no sɛ: Wo nuabarima no bɛsɔre bio.

24 Marta see no sɛ: Minim sɛ owusɔre mu, da a edi akyiri no, ɔbɛsɔre.

25 Yesu see no sɛ: Mene owusɔre ne nkwa; nea ogye me di no, sɛ wawu mpo a, obenya nkwa.

26 Na obiara a ɔte ase na ogye me di no renwu da. Wugye eyi di anaa?

27 Osee no sɛ: Yiw, Awurade, migye midi sɛ wone Kristo no, Onyankopɔn Ba a ɔreba wiase no.

28 Na ɔkaa saa no, osiim kɔfrɛɛ ne nua Maria kokoam sɛ: Kyerɛkyerɛfo no aba na ɔrefrɛ wo.

29 Ɔno nso tee no, ɔsɔree ntɛm baa ne nkyɛn.

30 Nanso na Yesu nnya nhyɛn kurow no mu ɛ, na ɔwɔ nea Marta behyiaa no hɔ.

31 Ɛnna Yudafo a wɔne no wɔ ofie hɔ regyam no no hui sɛ Maria asɔre ntɛmntɛm afi adi no, wodii n’akyi kae sɛ: Ɔrekɔ ɔda no so hɔ akosu.


Lasaro nyan

32 Ɛnna Maria duu faako a Yesu wɔ hɔ na ohuu no no, ɔkotow ne nan ase ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nuammarima anwu.

33 Ɛnna Yesu huu no sɛ ɔresu na Yudafo a wɔne no bae no nso resu no, oguu ahome honhom mu, na ne ho yeraw no,

34 na ɔkae sɛ: Ɛhe na mode no toe? Wosee no sɛ: Awurade, bra bɛhwɛ!

35 Yesu sui.

36 Ɛnna Yudafo no kae sɛ: Hwɛ ɔdɔ a ɔdɔ no!

37 Na wɔn mu binom se: Oyi a obuee onifuraefo no ani no, sɛ anka obetumi agye oyi afi owu mu?

38 Ɛnna Yesu guu ahome ne mu bio, na ɔbaa ɔda no so; ɛyɛ ɔbodan, na ɔbo hini ano.

39 Yesu kae sɛ: Munyi ɔbo no! Nea wawu no nua Marta see no sɛ: Awurade, sesɛɛ de, wabɔn, na wadi nnanan.

40 Yesu see no sɛ: Manka mankyerɛ wo sɛ wugye di a, wubehu Nyankopɔn anuonyam?

41 Ɛnna woyii ɔbo no. Na Yesu maa n’ani so kae sɛ: Agya, meda wo ase sɛ woatie me.

42 Na me de, minim sɛ wutie me daa; na nkurɔfokuw a wogyina ho no nti na meka saa, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.

43 Na ɔkaa saa no, ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Lasaro, fi bra!

44 Na nea wawu no fii adi, ɔda no mu, ntama kyekyere ne nan ne ne nsa, na dukuu kyekyere n’anim. Na Yesu see wɔn sɛ: Monsan no, na momma ɔnkɔ!

45 Ɛnna Yudafo no mu pii a wɔbaa Maria nkyɛn na wohuu ade a Yesu yɛe no gyee no dii.


Kaiafa nkɔmhyɛ

46 Na wɔn mu binom siim kɔɔ Farisifo no nkyɛn, na wɔkɔkaa wɔn nea Yesu yɛe no.

47 Ɛnna asɔfo mpanyin ne Farisifo no ma wokohyiaa baguafo no, na wɔkae sɛ: Dɛn na yɛbɛyɛ, efisɛ onipa yi yɛ nsɛnkyerɛnne pii.

48 Sɛ yegyaa no saa a, nnipa nyinaa begye no adi, na Romafo aba abɛfa yɛn ha yi ne yɛn man.

49 Na wɔn mu biako bi, Kaiafa a odi sɔfo panyin afe no mu no, see wɔn sɛ: Mo de, munnim hwee,

50 nanso munnwen sɛ eye ma mo sɛ onipa biako bewu ama ɔman, na ɔman no nyinaa ansɛe.

51 Na eyi de, emfi n’ankasa ne tirim na ɔkae, na mmom sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panyin afe no ara mu nti, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ Yesu rebewu ama ɔman no,

52 na ɛnyɛ ɔman no nko, na sɛ ɔbɛka Onyankopɔn mma a wɔapete no nyinaa nso abom ayɛ wɔn biako.

53 Ɛnna efi da no ara wotutuu agyina wɔn mu sɛ wobekum no.


Yesu twe ne ho kɔ Efraim

54 Enti Yesu anyi ne ho adi pefee annantew Yudafo no mu bio, na ofii hɔ kɔɔ asase bi a ɛbɛn sare so, kurow bi a wɔfrɛ no Efraim mu, na ɔne n’asuafo no tenaa hɔ.

55 Na Yudafo Twam no abɛn; na nnipa pii fii asase no so kɔɔ Yerusalem ansa na Twam no dui, sɛ wokodwira wɔn ho.

56 Ɛnna wɔhwehwɛɛ Yesu, na wogyina asɔrefi hɔ sisee wɔn ho sɛ: Dɛn na mususuw? Sesɛɛ ɔremma afahyɛ yi ase anaa?

57 Na asɔfo mpanyin ne Farisifo no ahyɛ mmara nso sɛ, sɛ obi nim nea ɔwɔ a, ɔmmɛkyerɛ, na wɔnkɔkyere no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan