Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yohane 1 - KYERƐW KRONKRON


Asɛm no bɛyɛɛ honam

1 Mfiase no na Asɛm no wɔ hɔ, na Asɛm no ne Nyankopɔn na ɛwɔ hɔ, na Asɛm no yɛ Onyankopɔn.

2 Ɔno ara na mfiase no ɔne Nyankopɔn wɔ hɔ.

3 Ɛnam no so na wɔyɛɛ ade nyinaa, na wɔankwati no anyɛ biribiara a wɔyɛe.

4 Ne mu na nkwa wɔ, na nkwa no ne nnipa hann;

5 na hann no hyerɛn esum mu, na esum no anni so.

6 Onipa bi wɔ hɔ a Onyankopɔn somaa no a ne din de Yohane.

7 Ɔno na ɔbaa adansedi sɛ ɔrebedi hann no ho adanse, na nnipa nyinaa nam no so agye adi.

8 Ɛnyɛ ɔno ne hann no, na mmom ɔbae sɛ ɔrebedi hann no ho adanse.

9 Nokware hann a ɛhyerɛn ma onipa biara no wɔ hɔ, na ɛno na ɛreba wiase yi.

10 Ɔwɔ wiase dedaw, na wɔnam no so na ɛyɛɛ wiase; nanso wiase anhu no.

11 Ɔbaa n’ankasa ne de mu, na wɔn a wɔyɛ n’ankasa de no annye no.

12 Na dodow a wogyee no no, wɔn a wogye ne din dii no, ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnyɛ Onyankopɔn mma

13 a emfi mogya anaasɛ nea ɔhonam pɛ anaa nea ɔbarima pɛ mu, na mmom efi Nyankopɔn mu na wɔwoo wɔn.


Yohane adansedi

14 Na Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam, na ɔbɛtenaa yɛn mu, na yehuu n’anuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no koro anuonyam, na adom ne nokware ayɛ no ma.

15 (Yohane dii ne ho adanse, na ɔteɛɛm sɛ: Oyi ne nea mekae sɛ: Nea odi m’akyi reba no, wadi m'anim, na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.)

16 Na efi ne mayɛ mu na yɛn nyinaa anya adom de abɔ adom so.

17 Na mmara no de, wɔnam Mose so na ɛmae; na adom ne nokware no de, ɛnam Yesu Kristo so na ɛbae.

18 Obi nhuu Nyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no koro no a ɔda Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ.

19 Eyi ne Yohane adanse bere a Yudafo somaa asɔfo ne Lewifo fi Yerusalem sɛ wonkɔbisa no sɛ: Woyɛ hena no.

20 Na ɔpaee mu kae, na wansan; na ɔpaee mu kae sɛ: Ɛnyɛ mene Kristo no.

21 Na wobisaa no sɛ: Ɛnne na hena ne wo? Wone Elia? Na ose: Ɛnyɛ mene no. Wone odiyifo no? Na obuae sɛ: Dabi.

22 Ɛnna wosee no sɛ: Ɛhena ne wo? Na yennya bi nkobua wɔn a wɔsomaa yɛn no; woka wo ho asɛm bɛn?

23 Ose: Mene ɛnne a ɛteɛm sare so sɛ: Monteɛ Awurade kwan! Sɛnea Odiyifo Yesaia kae no.

24 Nso na wɔn a wɔsomaa wɔn no fi Farisifo mu.

25 Na wobisaa no sɛ: Sɛ wonyɛ Kristo no anaa Elia anaa odiyifo no a, ɛnne adɛn nti na wobɔ asu yi?

26 Yohane buaa wɔn sɛ: Me de, mebɔ asu nsu mu, na obi a munnim no gyina mo mfinimfini.

27 Ɔno ne nea odi m’akyi reba a mensɛ sɛ mesan ne mpaboa hama mpo.

28 Eyinom bae wɔ Betania, Yordan agya noho, faako a Yohane rebɔ asu hɔ.


Onyankopɔn guammaa no

29 Ade kyee no, Yohane huu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ose: Hwɛ, Onyankopɔn guammaa a oyi wiase bɔne kɔ no ni.

30 Oyi ne nea mekae wɔ ne ho sɛ: Ɔbarima bi di m’akyi reba a ɔsen me mpo, efisɛ odii m'anim kan.

31 Na me de, anka minnim no; na sɛ wobeyi no akyerɛ Israel nti na meba mebɛbɔɔ asu nsu mu.

32 Na Yohane dii adanse sɛ: Mihuu Honhom no sɛ ofi soro resian sɛ aborɔnoma, na ɔbɛtenaa no so.

33 Na me de, anka minnim no, na nea ɔsomaa me sɛ memmɛbɔ asu nsu mu no, ɔno ara na osee me sɛ: Nea wubehu sɛ Honhom no resian abɛtena no so no, ɔno ne nea ɔbɔ asu Honhom Kronkron mu.

34 Na mahu na madi adanse sɛ oyi ne Nyankopɔn ba no.


Yohane asuafo baanu dan Yesu asuafo

35 Ade kyee bio no, na Yohane ne n’asuafo mu baanu gyina hɔ.

36 Na ohuu Yesu a ɔnenam hɔ no, ɔkae sɛ: Hwɛ, Onyankopɔn guammaa no ni.

37 Na asuafo baanu no tee sɛ ɔrekasa, na wokodii Yesu akyi.

38 Na Yesu dan ne ho na ohuu wɔn sɛ wodi n’akyi no, obisaa wɔn sɛ: Mohwehwɛ dɛn? Na wosee no sɛ: Rabi (a ne nkyerɛase ne kyerɛkyerɛfo), ɛhe na wote?

39 Osee wɔn sɛ: Mommra mmɛhwɛ! Enti wɔkɔe, na wokohuu nea ɔte; na wɔtenaa ne nkyɛn ɛda no; na ɛbɛyɛ sɛ dɔn a ɛto so du.

40 Andrea, Simon Petro ne nua, yɛ baanu no a wɔtee sɛ Yohane rekasa na wodii n’akyi no mu biako.

41 Ɔno na ohuu n’ankasa ne nua Simon kan, na osee no sɛ: Yɛahu Mesaia (a ne nkyerɛase ne Kristo) no.

42 Na ɔde no baa Yesu nkyɛn. Na Yesu huu no no, ɔkae sɛ: Wone Simon, Yohane ba, wɔbɛfrɛ wo Kefa (ne nkyerɛase ne Petro.)


Filipo ne Natanael

43 Ade kyee no, Yesu pɛe sɛ ofi hɔ kɔ Galilea; na ohuu Filipo. Na Yesu see no sɛ: Di m’akyi!

44 Nso Filipo fi Betsaida, Andrea ne Petro kurom.

45 Filipo huu Natanael, na osee no sɛ: Nea Mose, wɔ mmara no mu, ne adiyifo no kyerɛw ne ho asɛm no, yɛahu no, Yesu, Yosef ba a ofi Nasaret no.

46 Na Natanael see no sɛ: So biribi pa bi betumi afi Nasaret da? Filipo see no sɛ: Bra bɛhwɛ!

47 Yesu huu Natanael sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔkae wɔ ne ho sɛ: Hwɛ, nokware Israelni a nnaadaa nni ne mu ni!

48 Natanael see no sɛ: Ɛdɛn na wode huu me? Yesu bua see no sɛ: Filipo nnya mfrɛɛ wo na wowɔ borɔdɔma no ase no na mihuu wo.

49 Natanael bua see no sɛ: Rabi, woyɛ Nyankopɔn ba, wone Israel hene.

50 Yesu bua see no sɛ: Esiane sɛ meka mekyerɛɛ wo sɛ mihuu wo borɔdɔma no ase nti na ɛma wugye di yi? Wubehu nneɛma akɛse a ɛsen eyinom.

51 Na osee no sɛ: Mereka akyerɛ mo nokwarem pa ara sɛ, mubehu ɔsoro sɛ abue, na Onyankopɔn abɔfo redi aforosian Onipa Ba no so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan