Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yoel 1 - KYERƐW KRONKRON


Mmoadabi no

1 AWURADE asɛm a ɛbaa Petuel ba Yoel nkyɛn ni.

2 Muntie eyi, mo mpanyimfo, na monyɛ aso, mo asase sofo nyinaa. So saa ade yi aba mo bere so anaasɛ mo agyanom bere so pɛn?

3 Monka ɛho asɛm nkyerɛ mo mma, na mo mma nka nkyerɛ wɔn mma, na wɔn mma nso nka nkyerɛ awo ntoatoaso a edi so no.

4 Mmɛbɛw nnikae, mmoadabi adi, na mmoadabi nnikae, ntuntummɛ adi, na ntuntummɛ nnikae, mmɛbɛw adi.

5 Mo asabofo, munnyan na munsu, na mo nsanomfo nyinaa, muntwa adwo, nsamono nti, efisɛ wɔatwa afi mo anom.

6 Na ɛdɔm bi atu aba m’asase so, wɔn ho yɛ den na wɔn dodow nni ano; wɔn se te sɛ gyata se, na wɔwɔ gyatabere nnyepi.

7 Wɔasɛe me bobe pasaa, na wɔapompam me borɔdɔma abaa; wɔapompɔn ho hono agu, na n’abaa ho ahoa fitafita.

8 Twa adwo sɛ ababaa a ofura ayitam ma ne mmabaabere mu kunu.

9 Wɔatwa aduan ayɛyɛde ne ahwiesa afi AWURADE fi; na asɔfo, AWURADE asomfo no, di nkɔmmɔ.

10 Mfuw asɛe, asase di nkɔmmɔ, na aduan asɛe, nsamono ayow, ngo so atɔre.

11 Akuafo, mo ani nwu, aturoyɛfo, awi ne atoko nti muntwa adwo, efisɛ mfuw mu nnuan asɛe.

12 Obobe akisa, na borɔdɔma atwam, atea aba, abɛ nso ne akutuguaa; petee mu nnua nyinaa akisa, ampa, anika atu afi nnipa mma mu.

13 Asɔfo, mommɔ mo ho so na mommɔ bena, afɔremuka asomfo, muntwa adwo, me Nyankopɔn asomfo, mommra mmɛda ayitam mu anadwo nyinaa. Na aduan ayɛyɛde ne ahwiesa agyae mo Nyankopɔn fi ba.

14 Monhyɛ abuadadi kronkron, mompae asɔfo nhyiam, mommoa mpanyimfo ano, asase sofo nyinaa mmra AWURADE mo Nyankopɔn fi, na munsu mfrɛ AWURADE.

15 Ao, ɛda no! Na AWURADE da no abɛn, na ɛreba sɛ ɔsɛe tumi afi Otumfo nkyɛn.

16 So wɔantwa aduan amfi yɛn anim, na anigye ne ahosɛpɛw amfi yɛn Nyankopɔn fi anaa?

17 Aba a wɔadua aporɔw n’akofi mu, aduankora adan ada mpan, asan abubu, na awi asɛe.

18 Hwɛ sɛ mmoadoma penepene, anantwikuw rebrɛ, efisɛ wonni adidibea. Nguankuw nso ti ato.

19 Wo, AWURADE, na misu mefrɛ wo, efisɛ ogya ahyew sare so wura momono, na ogyaframa ahyew petee mu nnua nyinaa.

20 Wuram mmoa nso repere frɛ wo, na nsuwansuwa ayoyow, na ogya ahyew sare so wura momono.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan