Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 9 - KYERƐW KRONKRON


Nea wɔasra no no awo, ne din horow ne n’ahenni

1 Nanso kusuuyɛ no rentena nea ahoguan no wɔ no; kan bere no wammu Sebulon asase ne Naftali asase no, nanso akyiri no, ɔbɛhyɛ no anuonyam, ɛpo kwan, Yordan agya, amanaman Galilea no.

2 Ɔman a wɔnam sum mu hu hann kɛse, wɔn a wɔte sum kabii asase so no, hann aharan wɔn so.

3 Woama ɔman no mufo adɔɔso, woama n’anigye so, wɔn ani gye w’anim sɛ twabere mu anigye, sɛnea wodi asadekyɛ mu ahurusi.

4 Na wɔn adesoa dua ne wɔn mmati akyi abaa ne wɔn kafopoma no, woabubu mu sɛ Midian da no.

5 Na ɔko kitikitiyɛ mu akofo mpaboa nyinaa ne ntama a wɔde afɔtɔfɔtɔw mogya no, wɔbɛhyew no sɛ ade a wɔde sɔ gya.

6 Na wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahenni bɛda ne mmati so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Ɔfotufo nwonwani, Onyankopɔn tumfo, Daa agya, Asomdwoe hene;

7 na n’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba, Dawid ahengua so ne n’ahenni so, na ɔde atemmu ne trenee awowaw no atim no afi sesɛɛ de akosi daa. Asafo AWURADE mmɔdemmɔ na ɛbɛyɛ eyi.


Israel ho atemmu

8 Awurade de asɛm bi akra Yakob, na aduru Israel so,

9 sɛ ɔman mu no nyinaa nhu, Efraim ne Samariafo a wɔde ahantan ne ahomaso ka sɛ:

10 Ntayaa agu fam, na yɛde abo a wɔatwa bɛto; wɔatotow ankye agu, na yɛde nkyeneduru besi ananmu.

11 Na AWURADE bɛma Resin ahohiafo so ahyɛ no, na wahwanyan n’atamfo:

12 Siriafo wɔ apuei, na Filistifo wɔ atɔe, na wɔbɛtɛɛ wɔn anom amene Israel. Eyi nyinaa mu no n’abufuw nnyaee ɛ, na ne nsa ateɛ ara.

13 Na ɔman no ansan amma nea ɔhwee wɔn no nkyɛn, na asafo AWURADE akyi kwan nso, wɔnhwehwɛe ɛ.

14 Enti AWURADE betwa Israel mu, eti ne dua akyene, berɛw ne mmɛw da koro.

15 Mpanyin ne anuonyamfo ne eti, na odiyifo atorokyerɛfo ne dua.

16 Na ɔman yi akwankyerɛfo ma wɔfom, na wɔn a wɔkyerɛ wɔn kwan no, wɔamene wɔn.

17 Enti Awurade annya wɔn mmerante ho anigye, na ne yam anhyehye no wɔn nyisaa ne wɔn akunafo ho, na wɔn nyinaa yɛ nkɔnkɔnsafo ne nnebɔneyɛfo, na ano nyinaa ka agyennyentwisɛm. Eyi nyinaa mu no n’abufuw nnyaee ɛ, na ne nsa ateɛ ara.

18 Na abɔnefosɛm dɛw sɛ ogya, ɛhyew nnɛnkyɛnse ne nsɔe na ɛsɔ kwae mu adɔtɔ mu ma efi wusiw kumɔnn foro kɔ soro.

19 Asafo AWURADE abufuhyew nti na asase no ahyew tumm, na ɔman no ayɛ sɛ ade a wɔde sɔ gya; obi nkora ne nua so.

20 Na wohwim di, nifa so, nanso ɔkɔm de wɔn ara, na wodidi benkum so, nanso wɔmmee, wɔwewe wɔn ara nsa ho nam.

21 Manase we Efraim, na Efraim we Manase, na wɔn baanu nyinaa sɔre hyɛ Yuda. Eyi nyinaa mu no n’abufuw nnyaee ɛ, na ne nsa ateɛ ara.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan