Yesaia 7 - KYERƐW KRONKRONWɔde nkra kɔma Ɔhene Ahas 1 Na ɛbae sɛ Usia ba Yotam ba Ahas a ɔyɛ Yuda hene bere so no, Siria hene Resin ne Israel hene Peka a ɔyɛ Remalia ba, baa Yerusalem, sɛ wɔne no rebɛko, nanso wɔantumi no. 2 Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid fi sɛ: Siria abɛbɔ Efraim mu. Ɛnna ne koma ne ne man koma wosowee sɛ kwae mu nnua wosow mframa anim. 3 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: Fi kohyia Ahas wo ne wo ba Sear-yasub, wɔ atifi tare suka no ano a ɛkyerɛ ntamasifo afuw tempɔn so no, 4 na ka kyerɛ no sɛ: Hwɛ yiye, na yɛ komm, nsuro, na mmma wo koma nntu, nnyentia abien a efi wusiw yi nti, Resin ne Siria ne Remalia ba no abufuhyew no nti. 5 Esiane sɛ Siria ne Efraim ne Remalia ba no apam wo tiri so apammɔne sɛ: 6 Momma yɛnkɔ Yuda so na yɛnkɔhaw no, na yemmubu mu mfa, na yensi Tabeel ba no hene wom. 7 Enti sɛɛ na AWURADE se: Ɛrennyina na ɛremma so, 8 na Aram ti ne Damasko, na Damasko ti ne Resin. Na ɛha mfirihyia aduosia anum no, wobebubu Efraim na anyɛ ɔman bio. 9 Na Efraim ti ne Samaria, na Samaria ti ne Remalia ba no. Sɛ moannyina mo gyidi mu yiye a, mobɛhwe ase koraa. Imanuel ho nsɛnkyerɛnne 10 Na AWURADE toaa so ka kyerɛɛ Ahas sɛ: 11 Bisa AWURADE wo Nyankopɔn hɔ sɛnkyerɛnne fa, esian kɔ asaman oo, ɛkorɔn kɔ ɔsoro oo! 12 Na Ahas se: Meremmisa, na merensɔ AWURADE menhwɛ. 13 Ɛnna ose: Dawid fi, muntie ɛ! So ɔhaw a mohaw nnipa yi, ɛnnɔɔ mo so, sɛ mobɛhaw me Nyankopɔn nso? 14 Enti Awurade ankasa bɛma mo sɛnkyerɛnne: Hwɛ, ababaa no benyinsɛn awo babanin, na wato no din Imanuel ase ne: Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ. 15 Nufusu ani srade ne ɛwo na obedi, bere a okyi bɔne na ɔyɛ papa no; 16 na abarimaa no nnya nhuu bɔne kyi, ne papa fa no, wobegyaw asase a wusuro n’ahene baanu anim no. Asotwe a ɛnam Asiriafo so ba 17 AWURADE de nna bi bɛba wo ne wo man ne w’agya fi so, nna a ɛmmae da fi bere a Efraim tew fii Yuda ho no: Ɛne Asaria hene. 18 Na ɛda no, AWURADE bɛbɔ hwirema afrɛ nwansena a ɔwɔ Misraim asuasu awiei no, ne ɔdowa a ɔwɔ Asaria asase so no, 19 na wɔn nyinaa aba abesisi abon a esian kuronkuron ne abotan mpaepae mu ne nsɔe nyinaa so ne sare nyinaa so. 20 Ɛda no ara na Awurade de oyiwan a wɔabɔ no paa asuogya hɔnom a ɛne Asaria hene no, beyi eti ne anan ho nwi, na ayi bogyesɛ nso. 21 Na ɛda no, obi bɛyɛn nantwiforo ne nguan abien bi, 22 na nufusu a obenya no dodow nti, obedi nufusu ani srade, na nufusu ani srade ne ɛwo ara na wɔn a wɔbɛka asase no so nyinaa bedi. 23 Na ɛda no, baabiara a bobe apem a edi nnwetɛbona apem kan wɔ no bɛdan nsɔe ne nnɛnkyɛnse ara nko. 24 Agyan ne ta na wɔde bɛba hɔ, efisɛ asase no nyinaa ayɛ nsɔe ne nnɛnkyɛnse ara nko; 25 na mmepɔw a anka wɔde asɔw dɔw so nyinaa no, nguare ne nsɔe ho hu nti wɔrenkɔ hɔ bio, na wobegyaa anantwi akɔ so, na nguan atiatia so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana