Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 66 - KYERƐW KRONKRON


Nyaatwomfo asotwe

1 Sɛ AWURADE se ni: Ɔsoro yɛ m’agua, na asase yɛ me nan ntiaso, ɔdan bɛn na mubesi ama me, na ɛhe na me homebea wɔ?

2 Na eyinom nyinaa, me nsa na ɛyɛe maa eyinom nyinaa bae, AWURADE asɛm ni. Na nea mɛhwɛ no ni: Nea ɔyɛ mmɔbɔ na ne honhom abubu, na ne ho popo m’asɛm ano.

3 Nea okum nantwi no te sɛ nea okum nipa; nea okum guan bɔ afɔre no te sɛ nea obu ɔkraman kɔn mu; nea ɔbɔ aduan afɔre no te sɛ nea ɔde prako mogya ba; nea ɔhyew aduhuam no te sɛ nea ohyira ohoni. Wɔn de, wɔapaw wɔn akwan, na wɔn kra ani sɔ wɔn akyide;

4 me nso mɛpaw amane bi mama wɔn, na mede nea wosuro maba wɔn so, efisɛ mefrɛe, na obi annye so, mekasae, na wɔantie, na wɔyɛɛ m’ani so bɔne, na nea mempɛ no na wɔpawee.


Awiei bere no mu nkwagye

5 Muntie AWURADE asɛm, mo a n’asɛm nti mo ho popo: Mo nuanom a wɔtan mo a me din nti wotu mo no ka sɛ: AWURADE nnya anuonyam na yenhu mo anigye; nanso wɔn ani bewu.

6 Muntie oo, dede kɛse bi fi kurow no mu! Ɛnne bi fi asɔrefi! AWURADE a otua n’atamfo nsɛnnii so ka no nne!

7 Onnya nkyemee no, na wawo; awoyaw nnya nkaa no no, na wawo ɔbabarima.

8 Hena na wate eyi bi pɛn? Hena na wahu eyi bi da? So wɔkyem wo asase da koro, anaasɛ wogye ɔman bi prɛko pɛ? Efisɛ awo kaa Sion ara pɛ na ɔwoo ne mma.

9 So me, mɛma wɔabue awotwaa ano, na meremma wɔnwo? AWURADE na ose. Ɛno me a mema wɔwo no, mesiw ano anaa? Wo Nyankopɔn na ose.

10 Mo ne Yerusalem ani nnye, na munni ne ho ahurusi, mo a modɔ no nyinaa; mo ne no ho nsɛpɛw mo, mo a mudi ne ho nkɔmmɔ nyinaa;

11 na moanum n’awerɛkyekye nufu amee, na moafew n’anuonyam mmoroso ama mo bo atɔ mo yam.

12 Na sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, merekoa yiyedi mama no, sɛ asubɔnten, ne amanaman ahonyade nso, sɛ asuten a ayiri, na moanom. Nkyɛn mu na wobeturu mo, na wɔagyigye mo anankoroma so.

13 Sɛ obi ne na kyekye ne werɛ no, saa ara na me nso mɛkyekye mo werɛ, na mo werɛ akyekye Yerusalem ho.

14 Na mubehu, na mo koma ho asɛpɛw no, na mo nnompe ayɛ huronhuron sɛ wura frɔmfrɔm; na wobehu AWURADE nsa ne nkoa ho, ne abufuw a emu yɛ den, n’atamfo so.


Awaefo atemmu ne wɔn a wɔapete no sanba

15 Na hwɛ, AWURADE de ogya ne ne nteaseɛnam a ɛte sɛ ahum bɛba de abufuhyew abetua n’abufuw so ka, na ɔde gyaframa ayɛ n’ateɛteɛ.

16 Na ogya na AWURADE de bebu atɛn, na ɔde afoa ne honam nyinaa adi, na wɔn a AWURADE behwirew wɔn mu bɛdɔɔso.

17 Wɔn a wɔtew wɔn ho dwira wɔn ho kɔ nturo mu, na wodi obiakofo a odi mfinimfini akyi ma wodi prakonam ne akyide ne nkura no, wɔbɛbom awie sa, AWURADE asɛm ni.

18 Na minim wɔn nneyɛe ne wɔn adwene na ɛbɛba sɛ mɛboaboa amanaman ne kasa horow nyinaa ano, na wɔaba abehu m’anuonyam.

19 Na mɛyɛ sɛnkyerɛnne wɔn mu, na masoma wɔn mu nnipa a wɔafi mu afi no akɔ amanaman nkyɛn: Tarsis, Put ne Lud, takuntunfo no, Tubal ne Yawan, mpoano aman a wɔwɔ akyirikyiri a wɔntee me nka na wonhuu m’anuonyam no, na wɔakɔka m’anuonyam amanaman no mu.

20 Na wɔde mo nuanom nyinaa befi amanaman no nyinaa mu abɛyɛ ayɛyɛde ama AWURADE, apɔnkɔ so ne nteaseɛnam mu ne asako mu ne mfurumpɔnkɔ ne yoma so, aba me bepɔw kronkron Yerusalem so, AWURADE na ose, sɛnea Israel mma de aduan afɔre a ɛwɔ ade a emu tew mu ba AWURADE fi no.

21 Na meyi wɔn mu binom nso ayɛ asɔfo ne Lewifo, AWURADE na ose.

22 Na sɛnea ɔsoro foforo ne asase foforo a mɛyɛ no begyina m’anim no, AWURADE asɛm ni, saa ara na mo asefo ne mo din begyina.

23 Na ɛbɛba sɛ efi ɔsram foforo kosi foforo so, ne efi homeda kosi foforo so, na ɔhonam nyinaa bɛba abɛsɔre m’anim, AWURADE na ose.

24 Na wobefi adi akɔhwɛ nnipa a wɔato me mmara no, afunu a wɔn mu mmoaa renwu da, na wɔn gya nso rennum da; na wɔbɛyɛ akyiwade ama ɔhonam nyinaa.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan