Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 65 - KYERƐW KRONKRON


Atemmu ho nkɔmhyɛ

1 Medaa me ho so metwɛn wɔn a wɔammisa m’akyi kwan no; na wɔn a wɔanhwehwɛ me no, metwɛnee sɛ anka wobehu me. Mekae sɛ: Mini, mini, mekyerɛɛ ɔman a wɔammɔ me din no.

2 Mebae me nsam daa adesae mekyerɛɛ ɔman asowuifo, wɔn a wɔnam ɔkwan a enye so di wɔn adwene akyi;

3 ɔman a woyi me ahii m’anim daa yi, wɔbobɔ afɔre nturo mu, na wɔhyew nnuhuam ntayaa so,

4 wɔtenatena adamoa mu, deda nkokoam, wodi prakonam, na akyide nkwan wɔ wɔn nkutu mu,

5 wɔka sɛ: Twe wo ho, nka me, na me ho tew sen wo no. Eyinom ne me hwene mu wusiw, ogya a ɛdɛw daa adesae.

6 Hwɛ, wɔakyerɛw wɔ m’anim: Merenyɛ komm, na metua so ka, yiw, metua so ka magu wɔn kokom.

7 Mɛka mo amumɔyɛde ne mo agyanom amumɔyɛde mabom matua so ka, AWURADE na ose; sɛ wɔahyew aduhuam wɔ mmepɔw so na wɔasopa me wɔ nkoko so nti, mesusuw wɔn kan nsɛnnii no so magu wɔn kokom.

8 Sɛ AWURADE se ni: Sɛnea nsa ba bobe aba kasiaw mu a, wɔka sɛ: Nsɛe no, na nhyira wɔ mu no, saa na me nkoa nti mɛyɛ, na mansɛe wɔn nyinaa.

9 Na meyi asefo mafi Yakob mu, ne me bepɔw sodifo mafi Yuda mu, na wɔn a mapaw wɔn no bedi so, na me nkoa atena hɔ.

10 Na Saron bɛdan nguankuw adidibea, na Akor bon no ayɛ anantwi dabea ama me man a wɔhwehwɛ m’akyi kwan no.


Ɔman waefo no asotwe

11 Na mo a mugyaw AWURADE na mo werɛ fi ne bepɔw kronkron no na motow pon ma siade bosom na mohyɛ mfrasa nkuruwa amaama ma hyɛbea bosom no,

12 me nso mede mo mɛma afoa, na mo nyinaa moakotow ama okum; efisɛ mefrɛe, na moannye so, mekasae, na moantie, na moyɛɛ nea ɛyɛ m’ani so bɔne, na nea mempɛ na mopawee.

13 Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me nkoa bedidi, na mo de, mubedi kɔm; hwɛ, me nkoa bɛnom, na mo de, mubedi sukɔm; hwɛ, me nkoa ani begye, na mo de, mo ani bewuwu;

14 hwɛ, me nkoa de koma pa bɛto ahurusi dwom, na mo de, mode koma mu yaw bɛteɛm, na mode honhom a abubu asu yɔɔ.

15 Na mubegyaw mo din de ayɛ ntanka ama wɔn a mapaw wɔn, na AWURADE Nyankopɔn bekum wo, na wato ne nkoa din foforo,

16 na ama nea ohyira ne ho asase so no ahyira ne ho nokwaredi Nyankopɔn mu, na nea ɔka ntam asase so no aka nokwaredi Nyankopɔn no ntam, na wɔn werɛ befi kan amanehunu no, na ahintaw afi m’anim.


Ɔsoro foforo ne asase foforo

17 Na hwɛ, merebɔ ɔsoro foforo ne asase foforo, na wɔrenkae kan de no na ɛremma adwene mu bio;

18 na mmom, momma mo ho nsɛpɛw mo na munni ahurusi daadaa, ade a merebɔ no nti; na hwɛ, merebɔ Yerusalem ama ayɛ ahurusidi, ne ne man, ama ayɛ ahosɛpɛw.

19 Na medi Yerusalem ho ahurusi, na me ho asɛpɛw me me man ho, na wɔrente osu ne nteɛteɛm wɔ mu bio.

20 Wɔrenhu emu abotafowa a ne nna nware bio, anaa akwakoraa a wanwie ne nna di; na aberante bedi mfirihyia ɔha ansa na wawu, na ɔdebɔneyɛfo a wadi mfe ɔha mpo no yɛ nea wɔadome no.

21 Na wobesisi adan atena mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba.

22 Wɔrensisi adan mma obi ntena mu, na wɔrennua mma obi nni, na me man nna bɛware ayɛ sɛ dua nna, na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma.

23 Wɔrenyɛ adwumahunu, na wɔrenwo mma ɔpatuwu, efisɛ wɔyɛ wɔn a AWURADE ahyira wɔn no asefo, wɔne wɔn mma.

24 Na wonnya mfrɛe no, megye so; wɔda so rekasa no, metie.

25 Habɔdɔm ne oguammaa bedidi faako, na gyata awe wura sɛ nantwi; na ɔwɔ de, dɔte na ɛbɛyɛ n’aduan; wɔrempira na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, AWURADE na ose.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan