Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 64 - KYERƐW KRONKRON

1 O, sɛ wusunsuane ɔsoro mu sian na mmepɔw wosow w’anim ɛ!

2 Sɛ ogya sɔ mmobaa na ogya huru nsu no na woama w’atamfo ahu wo din, na amanaman ho apopo, w’anim!

3 Woyɛɛ nneɛma a ɛyɛ hu a yɛn ani anna so, wusian sii fam, na mmepɔw wosowee w’anim!

4 Na efi tete bemee wɔntee, ɛnkɔɔ obi asom, aniwa nso nhui Onyankopɔn bi a odi ma nea n’ani da no so, gye wo nko.

5 Wuhyia nea ɔde anigye di asɛntrenee, wɔn a wɔkae wo, w’akwan so no. Hwɛ, wo bo fuwii, na yɛyɛɛ bɔne; na ɛno mu na yɛwɔ dabidabi yi, na wobegye yɛn nkwa anaa?


Bɔne mpaemuka

6 Na yɛn nyinaa ayɛ sɛ nea ne ho ntew, na yɛn adetrenee nyinaa te sɛ ntamagow afiafi; na yɛn nyinaa kisa sɛ ahaban, na yɛn amumɔyɛ soa yɛn kɔ sɛ mframa;

7 na obi nni hɔ a ɔbɔ wo din anaasɛ ɔkanyan ne ho so wo mu; na woayi w’ani ahintaw yɛn, na yɛn amumɔyɛ nti woama yɛayera.

8 Na afei, AWURADE, yɛn agya ne wo; yɛn de, dɔte ne yɛn, na wone yɛn nwemfo, na wo nsa ano adwuma ne yɛn nyinaa.

9 O AWURADE, mma wo bo nnhuru bebree, na nkae amumɔyɛ nkosi daa. Hwɛ, ma w’ani mmra so ɛ, wo man ne yɛn nyinaa.

10 Wo kronkronyɛ nkurow adan sare so, Sion adan sare so, Yerusalem ayɛ akurofo.

11 Yɛn kronkronyɛ ne yɛn anuonyam fi a yɛn agyanom yii wo emu ayɛ no, wɔde gya ahyew, na yɛn afɛfɛde nyinaa ayɛ amamfo.

12 So eyinom nyinaa mu, wobɛtwe wo ho so ara? AWURADE, wobɛyɛ komm abrɛ yɛn ase koraa?

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan