Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 63 - KYERƐW KRONKRON


AWURADE di amanaman no so nkunim

1 Hena ne oyi a ofi Edom reba, nea ne ntade bere kɔɔ a ofi Bosra reba yi? Oyi a wahoman, n’adurade mu, na ɔkyea, ne tumi kɛse mu yi? Ɛyɛ me a mekasa de ahosan akyerɛ otumfo a mikura nkwagye no.

2 Ɛdɛn na w’adurade bere sɛɛ, na wo ntade te sɛ nsa-kyi-amoa mu tiatiafo de yi?

3 Nsa-kyi-amoa no, me nko na matiatia mu, na aman sofo mu biara nka me ho; na mitiatiaa wɔn so m’abufuw mu, na mewɔw wɔn m’abufuhyew mu, na wɔn mu nsu abɔ apete me ntade mu, na akeka m’adurade nyinaa mu.

4 Na aweredi da bi wɔ me koma mu, na me gye afe no aba.

5 Na mehwɛe, nso na ɔboafo bi nni hɔ; na ɛyɛɛ me nwonwa sɛ obi nni hɔ a oso mu abia; ɛnna m’ankasa basa gyee me, na m’abufuhyew nso soo me mu abia.

6 Na mitiatiaa aman so, m’abufuw mu, na mema wɔbobowee, m’abufuhyew mu, na mihwiee wɔn mogya miguu asase so.


Onyankopɔn dɔ a ɔdɔ ne man

7 Mɛbɔ AWURADE adɔeyɛ din, AWURADE ayeyide no, sɛ ɛfata nea AWURADE ne yɛn adi no nyinaa, na maka Israel fi yiye pii a ɔde ayɛ wɔn no, sɛ n’ayamhyehye ne n’adɔeyɛde dodow no te no.

8 Na ose: Me man ara ne wɔn, mma a wɔrenni atoro, na ɔyɛɛ wɔn agyenkwa.

9 Wɔn ahohia nyinaa mu no, ne ho hiaa no, na n’anim bɔfo no gyee wɔn; ne dɔ ne ne nkyɛeso mu na ogyee wɔn, na ɔmomaa wɔn so, na ɔsoaa wɔn tete nna no nyinaa mu.

10 Na wɔn de, wɔtew atua na wɔhyɛɛ ne honhom kronkron no yaw, enti ɔdan wɔn ɔtamfo, na ɔno ara ne wɔn dii dɔm.

11 Ɛnna ne man kaee Mose tete nna no sɛ: Ɛhe na nea oyii wɔn ne ne nguankuw ahwɛfo no fii po mu no wɔ? Ɛhe na nea ɔde ne kronkronyɛ honhom sii wɔn mu no wɔ?

12 Nea ɔmaa n’anuonyam basa no dii Mose nifa, nea ɔpaee nsu mu, wɔn anim de gyee daa din fae no?

13 Nea ɔma wɔfaa ebun mu sɛ ɔpɔnkɔ fa anwea so na wɔanwatiri no?

14 AWURADE honhom ma wɔhomee sɛ mmoa a wosian kɔ obon mu. Saa na wokyerɛɛ wo man kwan de gyee anuonyam din fae.


Mmɔborohunu ne ɔboa ho adesrɛ

15 Brɛ w’ani ase fi soro, na fi wo kronkronyɛ ne w’anuonyam tenabea hɔ hwɛ. Ɛhe na wo ninkuntwe ne wo mmaninne no wɔ? W’ayamhyehye ne wo mmɔborohunu afi me ho.

16 Na wo ara wone yɛn agya; na Abraham nnim yɛn, na Israel nhu yɛn: Wo, AWURADE ara ne yɛn agya, yɛn gyefo ne wo din fi tete bemee.

17 O AWURADE, ɛdɛn nti na woma yefi wo kwan so kɔwɔ ntwɛtwɛdɛ, na wupirim yɛn koma na yɛansuro wo? San bra, wo nkoa nti, w’agyapade mmusuakuw no nti.

18 Wo man kronkron kuraa wo kronkronbea no kakraa bi; yɛn ahohiafo atiatia so.

19 Yɛadannan sɛ wɔn a wunnii wɔn so da; sɛ wɔn a wɔmmɔɔ wo din wɔ wɔn so da.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan