Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 62 - KYERƐW KRONKRON


Sion daakye anuonyam

1 Sion nti meremmua m’ano, na Yerusalem nti merenyɛ komm, de bɛkɔ akosi sɛ ne trenee bepue sɛ adekyee hann, na ne nkwagye adɛw sɛ ogyatɛn.

2 Na amanaman behu wo trenee, na ahene nyinaa ahu w’anuonyam, na wɔato wo din foforo a AWURADE ano bɛkyerɛ no.

3 Na wobɛyɛ ahokeka abotiri, AWURADE nsa so, ne ɔhene abotiten, wo Nyankopɔn nsam.

4 Wɔrense wo sɛ: Nea wɔagyaw no, bio, na w’asase nso, wɔrense no sɛ: Afo, bio, na mmom wɔbɛfrɛ wo sɛ: M’anisɔ wɔ no mu, ne w’asase nso sɛ: Ɔbaa warefo, efisɛ AWURADE ani sɔ wo, na w’asase nso, wɔbɛware no.

5 Na sɛ aberante ware ababaa no, sɛ wo bɔfo bɛware wo ne no; sɛ ayeforokunu ho sɛpɛw no ayeforo ho no, saa ara nso na wo Nyankopɔn ho bɛsɛpɛw no wo ho.

6 W’afasu so, Yerusalem, na mede awɛmfo maduadua; adekyee nyinaa ne anadwo nyinaa daa yi, wɔremmua wɔn ano; mo a mokae AWURADE no, monnyɛ komm koraa.

7 Na mommma ɔnnhome nso kosi sɛ ɔbɛsesɛw Yerusalem ma asi hɔ ayɛ ayeyi wɔ asase so.

8 AWURADE aka ne nsa nifa, ne ne tumi basa no ho ntam sɛ: Meremfa w’awi memma w’atamfo nni bio, na ananafo mma rennom wo nsa a wobrɛɛ ho no.

9 Na wɔn a wɔboa ano na wobedi na wɔayi AWURADE ayɛ, na wɔn a wɔhwɛ bobe aba no boaboa ano no bɛnom, wɔ me kronkronbea abangua so.

10 Monsen, monsen mfa kurow apon no mu, mommɔ ɔman no kwan; muntu ngu so, muntu ngu so nyɛ no tempɔn, montase so abo; munsi so frankaa na aman no nhu.

11 Hwɛ, AWURADE ama wɔate akodu asase awiei noho sɛ: Monka nkyerɛ Sion babea sɛ: Hwɛ, wo nkwagye reba, hwɛ, n’akatua ka ne ho, na n’ananmuhyɛ di n’anim.

12 Na wɔbɛfrɛ wɔn sɛ: Ɔman kronkron, wɔn a AWURADE agye wɔn, na wo nso, wɔbɛfrɛ wo nea wɔahwehwɛ n’akyi kwan, kurow a wɔrennyaw no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan