Yesaia 61 - KYERƐW KRONKRONOgye a ɛbɛba no ho asɛmpa 1 AWURADE Nyankopɔn honhom wɔ me so, efisɛ AWURADE asra me sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufo; wasoma me sɛ memmɛkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ mempae ahofadi menkyerɛ nnommum, ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfo; 2 na mempae AWURADE anisɔ afe, ne yɛn Nyankopɔn aweredi da no; menkyekye nkɔmmɔdifo nyinaa werɛ, 3 menhyehyɛ Sion nkɔmmɔdifo memma wɔnnɛnsow nsi nso mu da ananmu, memma wɔn anika ngo minsi nkɔmmɔdi ananmu, memma wɔn ayeyi ntade minsi honhom a watɔ beraw ananmu, na wɔmfrɛ wɔn trenee nnua, AWURADE tɛw nnua a ɛhyɛ no anuonyam. 4 Na wɔbɛkyekye tete akurofo ama kanfo amamfo so agyina, na wɔayɛ nkurow agowagow ne awo ntoatoaso santen no amamfo foforo. 5 Na ahɔho begyina ahwɛ mo nguan, na ananafo ayeyɛ mo akuafo ne mo turoyɛfo. 6 Na mo de, wɔbɛfrɛ mo AWURADE asɔfo, na wɔase mo sɛ: Yɛn Nyankopɔn asomfo; mubedi amanaman ahonyade, na mode wɔn adedodow ahoahoa mo ho. 7 Mo aniwu no ananmu mubenya mmɔho, na ahohora ananmu mubedi mo kyɛfa ho ahurusi; ɛno nti mubenya mmɔho, mo asase so, daa anigye bɛyɛ mo dea. 8 Na me, AWURADE, medɔ atemmu, mikyi atirimmɔden ne dwowtwa, na metua wɔn ka nokware mu, na me ne wɔn apam daa apam. 9 Na wobehu wɔn asefo, amanaman mu, ne wɔn mma, aman mu; obiara a n’ani bɔ wɔn so no behu wɔn sɛ wɔyɛ ɔman a AWURADE ahyira wɔn. 10 AWURADE mu na me ho sɛpɛw me, na me Nyankopɔn mu na me kra di ahurusi, efisɛ ɔde nkwagye atade ahyɛ me, ɔde trenee batakari asi me, sɛ ayeforokunu a ɔkeka ne ho bɔ n’abotiri, ne ayeforo a ɔde ne nnwinne hyehyɛ ne ho. 11 Na sɛ asase ma ne mfifii pue, na turo ma nea wɔadua mu fifi no, saa ara na AWURADE Nyankopɔn bɛma trenee ne ayeyi afifi amanaman nyinaa anim. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana