Yesaia 60 - KYERƐW KRONKRONYerusalem daakye anigye 1 Sɔre haran, na wo hann aba, na AWURADE anuonyam apue wo so. 2 Na hwɛ, esum bɛkata asase so, na sum kabii akata aman so; nanso AWURADE bepue wo so, na n’anuonyam abɛda adi wo so. 3 Na amanaman bɛnantew aba wo hann no ho, na ahene aba hyerɛn a apue wo so no ho. 4 Ma w’ani so hwɛ wo ho hyia, wɔn nyinaa aboa ano reba ama wo; wo mmabanin fi akyirikyiri reba, na wo mmabea nso, wotuturu wɔn nkyɛn mu reba. 5 Ɛno na wubehu, na w’anim atew, wo koma de ahosɛpɛw bedi ahurusi, efisɛ ɛpo ahonyade dodow redan abɛyɛ wo de, amanaman ahode reba wo nkyɛn. 6 Yoma manyamanya bɛkata wo so, Midian ne Efa yomaforo no; wɔn nyinaa fi Seba reba, sika ne aduhuam na wɔsosoe, na wɔkeka AWURADE ayeyi. 7 Wɔbɛboa Kedar nguankuw nyinaa ano abrɛ wo, Nebaiot adwennini bɛsom wo; wɔde anisɔ bɛforo m’afɔremuka, na mɛhyehyɛ m’anuonyam fi no. 8 Henanom ne eyinom a wotu sɛ omununkum, ne mmorɔnoma a wɔba wɔn ahunaniankansa mu yi? 9 Yiw, mpoano aman bɛtwɛn me, Tarsis ahyɛn na ebedi kan, na wɔde wo mma fi akyirikyiri aba a wɔn dwetɛ ne wɔn sika ka wɔn ho, wɔde rebrɛ AWURADE wo Nyankopɔn din, ne Israel kronkronni no, efisɛ ɔno na wahyɛ wo anuonyam. 10 Na ananafo bɛto w’afasu, na wɔn ahene asom wo; na m’abufuw mu na mehwee wo, na m’adɔeyɛ mu na mahu wo mmɔbɔ. 11 Na wo kurow apon ano bɛda hɔ daa yi, wɔrentoto mu awia ne anadwo, na nkurɔfo de amanaman ahonyade abrɛ wo, wɔne wɔn ahene a woyuw wɔn. 12 Na ɔman ne ahenni a ɛrensom wo no begu, saa aman no, ɔsɛe na wɔbɛsɛe wɔn nyinaa. 13 Lebanon anuonyam bɛba wo nkyɛn, na apopaw ne ɔsɛsɛ ne kwabɔhɔrɔ bɛbom ahyehyɛ me kronkronbea hɔ; na mɛhyɛ me nan tiabea anuonyam. 14 Na wo nhyɛsofo mma de akotowakotow bɛba wo nkyɛn, na w’ahiyifo nyinaa bɛba abebum wo nan ase, na wɔafrɛ wo AWURADE kurow, Israel kronkronni no Sion. 15 Nea anka wogyaw wo na wɔtan wo na obi bi mfa wo mu no, mɛma wo daa kɛseyɛ na mayɛ wo awo ntoatoaso a edidi so anigye. 16 Na wubenum amanaman nufu, na woanum ahene mpokua; na woahu sɛ me, AWURADE, mene w’agyenkwa ne wo dimafo, Yakob tumfo no. 17 Kɔbere ananmu na mede sika mesi maba, na dade ananmu na mede dwetɛ mesi maba, na kɔbere asi nnua ananmu, na dade asi abo ananmu. Na mɛma asomdwoe adi wo so panyin ahwɛ wo, na mede trenee mayɛ wo kafo. 18 Wɔrente nhyɛso nka w’asase so bio, wɔrente ɔsɛe ne obubu nka w’ahye mu; na wobɛfrɛ w’afasu Nkwagye, ne wo kurow apon nso Ayeyi. 19 Ɛnyɛ owia na ɛbɛyɛ wo hann awia bio, na ɔhyerɛn nso, ɛnyɛ ɔsram na ɛbɛharan ama wo, na mmom AWURADE na ɔbɛyɛ wo daa hann, na wo Nyankopɔn ayɛ w’anuonyam. 20 Wo wia rentɔ bio, na wo sram nso renwu, na AWURADE bɛyɛ wo daa hann, na wo nkɔmmɔdi nna awie ɔsa. 21 Na wo man de, wɔn nyinaa bɛyɛ treneefo, wobedi asase no so akosi daa; wɔbɛyɛ me tɛdua dubaa a afefɛw, me nsa ano adwuma a ɛhyɛ me anuonyam. 22 Nea osua koraa no bɛdan apem na akumaa adan ɔman a ɛyɛ den. Me, AWURADE, mɛyɛ no ntɛm ne bere mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana