Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 6 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn frɛ Yesaia bɛyɛ odiyifo

1 Afe a ɔhene Usia wui no mu no, mihuu Awurade sɛ ɔte agua a ɛkorɔn a wɔama so so, na n’atade mmuano ayɛ asɔrefi ma.

2 Serafim gyinagyina no ho. Wɔn mu biara wɔ ntaban asia. Wɔn mu biara de abien kata wɔn anim, na wɔde abien kata wɔn nan ho, na wɔde abien nso tu.

3 Na oyi teɛm kyerɛ oyi sɛ: Kronkron, kronkron, kronkron ne asafo AWURADE! N’anuonyam ahyɛ asase nyinaa ma.

4 Na apon ase wosowee, nea ɔkasa no nne nti, na owusiw yɛɛ ɔdan no ma.

5 Ɛnna mekae sɛ: Minnue, na mayera: Na meyɛ onipa a m’ano ho ntew, na mete ɔman a wɔn ano ho ntew mu, efisɛ ɔhene, asafo AWURADE, na m’aniwa ahu no yi.

6 Ɛnna Serafim no mu biako tu baa me nkyɛn, okura nsramma a ɔde dabaw kɔfae afɔremuka no so;

7 na ɔde kaa m’ano kae sɛ: Hwɛ, eyi aka w’ano, na wɔayi w’amumɔyɛ kɔ, na wɔakata wo bɔne so.

8 Na metee Awurade nne sɛ ose: Hena na mensoma no, na hena na ɔbɛkɔ ama yɛn? Na mise: Mini, soma me!

9 Na ose: Kɔ na kɔka kyerɛ ɔman yi sɛ: Ɔte ara na monte, na monnte ase, na ohu ara na munhu, na munnhu mu.

10 Ma ɔman yi koma mpirim, na wɔn aso nyɛ den, na ka wɔn ani fomfam, na wɔamfa wɔn aniwa anhu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔn koma anhu mu, na wɔansakra, na wɔansa wɔn yare,

11 Na mise: Oo Awurade, enkosi da bɛn? Na ose: Enkosi sɛ nkurow bɛdan akurofo a obi nte mu, na afi ada ntuw a onipa nni mu, na asase no asɛe ayɛ afo koraa,

12 na AWURADE aka nnipa akɔ akyirikyiri, na amamfo adɔɔso wɔ asase no so.

13 Na sɛ ɛka abupɛn du mu biako wɔ mu po a, wɔbɛsan ahyew wɔn bio, sɛ odum anaa dupɔn a wɔatow ahwe fam, na esin si hɔ: Na asefo kronkron ne ne dunsin no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan