Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 59 - KYERƐW KRONKRON


Ɔman abɔnefo no sɛe

1 Hwɛ, AWURADE nsa nyɛ tiaa a ɛnso ogye, na n’aso nyɛ duru a ɛrente asɛm,

2 na mmom mo amumɔyɛ ne nea ɛma mo ne mo Nyankopɔn ntam pan, na mo bɔne na akata n’ani afi mo ho a enti ontie.

3 Na mogya akeka mo nsam, na amumɔyɛ agu mo nsatea ho fi; mo ano keka atosɛm, mo tɛkrɛma woro nkontompo.

4 Obiara nsamena asɛntrenee so, na obiara nni asɛm nokware so; wɔde wɔn ho to nsɛnhunu so, na wɔka nsɛnhuhuw; wonyinsɛn ɔhaw, na wɔwo mmusu.

5 Wosow ɔkyereben nkesua, na wɔnwene ananse ntontan; nea odi wɔn nkesua wu, na wotia bi so a, ɛpae ahurutoa.

6 Wɔn ntontan no renyɛ atade, na nnipa remfa nea wɔyɛ nkata wɔn ho; wɔn nnwuma yɛ abusudwuma, na akokobirisɛmdi wɔ wɔn nsam.

7 Wɔn anan tutu mmirika kɔyɛ bɔne, na wɔyɛ ntɛm kohwie mogya a edi bem gu; wɔn adwene yɛ abusudwene, ɔsɛe ne obubu wɔ wɔn atempɔn mu.

8 Asomdwoe kwan de, wonnim, na atɛntrenee nni wɔn akwan mu; wɔayɛ wɔn akwan akɔntɔnkye, obiara a ɔfa so nnim asomdwoe.

9 Enti na atemmu ne yɛn ntam aware, na trenee nso nto yɛn no; yɛtwɛn hann, na hwɛ, esum ni, ne ɔhyerɛn nso, na sum kabii mu na yɛnam.

10 Yɛkeka ɔfasu ho sɛ anifuraefo, na yenyamae sɛ wɔn a wonni aniwa; yehintiw awia ketee sɛ kusuu mu, yehinhim ahoɔdenfo mu sɛ awufo.

11 Yɛn nyinaa po so sɛ asisi, na yesisi apini sɛ mmorɔnoma; yɛtwɛn atemmu, nso ebi nni hɔ, ne nkwagye, nso ɛne yɛn ntam ware.

12 Na yɛn mmaratode dɔɔso w’anim, na yɛn bɔne di yɛn adanse tia yɛn; na yɛn mmaratode da yɛn anim, na yɛn amumɔyɛde nso, yenim.

13 Yɛato AWURADE mmara atwa no nkontompo, na yɛapa yɛn Nyankopɔn akyi; yɛkasa nhyɛso ne mfomso kasa, yesusuw atosɛm wɔ koma mu yi no adi.

14 Na wɔde atemmu asan akyiri kɔ, na trenee akogyina akyirikyiri; na nokware ahwe ase gua so, na nea ɛteɛ ntumi mma mu.

15 Na nokware ayɛ ade a ɛho yɛna, na nea ɔtwe ne ho fi bɔne ho no, wɔfow no. Na AWURADE hui, na ɛyɛɛ n’ani so bɔne sɛ atemmu bi nni hɔ,

16 na ohui sɛ obiara nni hɔ, na ɛyɛɛ no nwonwa sɛ ɔkamafo bi nni hɔ; ɛnna ne basa gyee no, na ne trenee wowaw no.

17 Na ɔhyɛɛ trenee sɛ nkatabo, na nkwagye dade kyɛw hyɛɛ ne ti, na ɔhyɛɛ aweredi atade kataa ne ho, na ofuraa ninkuntwe sɛ ntama.

18 Sɛ wɔyɛe no, saa ara na ɔbɛhyɛ wɔn ananmu de abufuhyew ama n’ahohiafo, ne akatua ama n’atamfo; mpoano aman nso, ɔde akatua bɛhyɛ wɔn ananmu.

19 Na wobesuro AWURADE din afi atɔe, ne n’anuonyam afi owia puebea, na ɔbɛba sɛ asu a ano yɛ den a AWURADE ahum de reba.

20 Na ɔbɛba sɛ ogyefo ama Sion ne Yakob mu wɔn a wɔsan fi mmarato mu no, AWURADE asɛm ni.

21 Na me de, eyi ne me ne wɔn apam no, AWURADE na ose: Me honhom a ɛwɔ wo so no ne me nsɛm a mede mahyɛ w’anom no, ɛremfi w’anom ne w’asefo anom ne w’asefo asefo anom, AWURADE na ose, efi sesɛɛ de bɛkɔ akosi daa.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan