Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 58 - KYERƐW KRONKRON


Atoro ne nokware Nyamesom

1 Ma wo nne so teɛm, nnyae, kɔ so; ma wo nne so sɛ torobɛnto, na ka me man mmarato ne Yakob fi bɔne kyerɛ wɔn.

2 Ɛwom, wɔhwehwɛ me da biara, na wɔpɛ m’akwan ahu sɛ gyama wɔyɛ ɔman bi a wodi asɛntrenee na wonnyaw wɔn Nyankopɔn ahyɛde no ɛ; wobisa me hɔ asɛntrenee, wɔpɛ sɛ wɔbɛn Onyankopɔn.

3 Wɔka sɛ: Ɛdɛn nti na yedi mmuada na wunhu, yɛbrɛ yɛn kra ase na wunnim yi? Hwɛ, mo abuada da no, moyɛ nea mo ara mopɛ, na moteetee mo adwumayɛfo nyinaa.

4 Hwɛ, ɔham ne ntɔkwaw na mode di mmuada, na mobɔ kuturuku atirimmɔden so. Mo nnɛ yi mmuadadi yi remma wɔnte mo nne ɔsoro.

5 So sɛ mmuada a mepɛ, ɛda a onipa brɛ ne kra ase no te ni? Sɛ obi si ne ti ase sɛ mmɛw na ɔsɛw atweaatam ne nso da so a, so eyi na wofrɛ no abuadadi ne da a ɛsɔ AWURADE ani?


Mmɔborohunu na ɛsɔ Onyankopɔn ani

6 Ɛno ɛnyɛ eyi ne abuadadi a mepɛ? Sɛ mobɛsansan abɔnefo apɔw, ayiyi kɔndua nhama, ama wɔn a wɔhyɛ wɔn so no afa wɔn ho akodi, na moabubu kɔndua nyinaa?

7 Ɛno ɛnyɛ eyi nso: Sɛ wububu w’abodoo ma nea odi kɔm, na wode mmɔborɔfo, ohiani, ba wo fi, sɛ wuhu dagyafo a, wokata ne ho, na womfa wo ho nhintaw wo yɔnko?

8 Ɛno na wo hann begyigye sɛ adekyee, na w’akwahosan afefɛw ntɛm; wo trenee bedi w’anim, na AWURADE anuonyam abɔ wo kyidɔm.

9 Ɛno na wobɛfrɛ, na AWURADE bebua, wobɛteɛm, na ɔbɛka sɛ: Mini. Sɛ wuyi kɔndua fi wo mu, nsatea teɛ ne ahuhukasa,

10 na wode nea wo kra pɛ ma nea ɔkɔm de no, na woma ɔkra a ɔyɛ mmɔbɔ no mee a, ɛno de wo hann bepue sum mu, na wo kusuu bɛyɛ sɛ awia ketee.

11 Na AWURADE bɛkyerɛ wo kwan daa yi, na wama wo kra amee nea ɛhɔ awo, na wahyɛ wo nnompe mu den, na woayɛ sɛ turo a nsu sen wom, ne nsuaniwa a emu nsu nni huammɔ.

12 Na wo mufo bɛkyekye tete akurofo, wobɛma awo ntoatoaso horow nhyɛase agyina, na wɔafrɛ wo ɔpam agow, nea ɔsesɛw akwan sɛ nnipa ntena hɔ.


Homedadi pa so nhyira

13 Sɛ wusianka wo nan homeda na me da kronkron no, woanyɛ nea wopɛ, na wofrɛ homeda sɛ anigyede, ne AWURADE da kronkron no sɛ da a ɛsɛ nidi, na wudi no ni, na woamfa wankasa akwan so, na woanyɛ nea wo ara wopɛ, na woankeka nsɛm a,

14 ɛno na w’ani begye AWURADE ho, na mɛma woafa asase so sorɔnsorɔmmea so, na mɛma woadi w’agya Yakob agyapade no, efisɛ AWURADE ano na aka.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan