Yesaia 57 - KYERƐW KRONKRONIsrael ahonisom ho afobu 1 Ɔtreneeni yera, na obi mfa nhyɛ ne koma mu, na wɔfa nnipa pa kɔ, na obi nte ase, na woyi ɔtreneeni no kɔ, fi bɔne a ɛbɛba no anim. 2 Ɔkɔ asomdwoe mu; wɔhome wɔn nnae so, wɔn a wɔanantew wɔn teeyɛ mu no. Ɔman no bra bɔne 3 Na mo de, muntwiw mmra ha, ɔbeabayifo mma, ɔwaresɛefo ne aguaman asefo. 4 Hena ho fɛw na mudi yi? Hena so na motɛɛtɛɛ mo anom na motwe mo tɛkrɛma mu yi? Ɛno, ɛnyɛ mmarato mma ne atoro asefo ne mo anaa? 5 Mo a mo ani yɛ hyew abosonnua ho, nnua frɔmfrɔm nyinaa ase, mukunkum mmofra asubon mu, abotan mpaepae ase; 6 asubon mu abo torotoro mu na wo kyɛfa wɔ, ɛno, ɛno ne wo ntonto, nso ɛno so na wuhwiee ahwiesa na wode ayɛyɛde gui, so eyinom so na me bo bedwo anaa? 7 Bepɔw sorɔnsorɔn a ɛkorɔn so na wosɛw wo nnae, ɛhɔ ara nso na woforo kɔe kɔbɔɔ afɔre; 8 na wode wo nkae ade no sii ɔpon ne apongua mu fam, na wufii m’akyi koyii wo nnae so foroe, na wobaee mu na wo ne wɔn dii nea wubegye wɔn ano, wopɛɛ wɔne wo nna na wuhuu wɔn adagyaw mu. 9 Na wode ngo tuu kwan de kɔmaa ɔhene no, na womaa wo nnuhuam dɔɔso, na wosomaa w’abɔfo akyirikyiri, na wobrɛɛ wo ho ase kɔɔ asaman. 10 Wo kwantenten no nti wobrɛe, nanso woanka sɛ: Ɛho nni mfaso; wunyaa wo nsam akwahosan nti, anyɛ wo yaw. 11 Na hena nti na wo koma tui na wusuroe, na wudii atoro na woankae me amfa anhyɛ wo koma mu yi? So me de, ɛnyɛ komm a mifi tete mayɛ nti na wunsuro me yi? 12 Mɛka wo trenee ne wo nneyɛe makyerɛ, nso ɛrenyɛ wo mfaso bi. 13 Woteɛm a, ma w’abosompem a woaprapra aboa ano no nnye wo. Na mframa bɛsoa wɔn nyinaa, ohuw bɛfa wɔn akɔ; na nea oguan toa me no benya asase adi, na wanya me bepɔw kronkron atena so. 14 Na wɔbɛka sɛ: Muntu ngu so, muntu ngu so, mommɔ ɔkwan, munyi akwanside biara mfi me man kwan mu. Ɔdom ho bɔhyɛ foforo 15 Na sɛ nea ɔkorɔn na wɔama no so, nea ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no se ni: Mete soro ne nea ɛhɔ yɛ kronkron, ne nea wabubu na ne honhom brɛ ase no nkyɛn nso, sɛ mɛma ahobrɛasefo honhom anya nkwa, na mama wɔn a wɔabubu wɔn no koma anya nkwa. 16 Na merenham nkosi daa, na me bo renhuru daa, na anka honhom bɛtɔ beraw, m’anim, ne akra a me ara na meyɛe. 17 N’anibere a ɛyɛ amumɔyɛ nti na me bo fuwii na mehwee no, mihintawee, na me bo hurui; nanso ɔkɔɔ so san n’akyi faa ne koma kwan so. 18 Mahu n’akwan, nso mɛsa no yare; mɛkyerɛ no kwan, na masan makyekye ne werɛ, na mabɔ anofafa so aba ama ne nkɔmmɔdifo. 19 Asomdwoe, asomdwoe nka nea ɔwɔ akyirikyiri ne nea ɔbɛn, AWURADE na ose, na mɛsa no yare. 20 Na abɔnefo te sɛ ɛpo a ehuru kutukutu; na entumi nyɛ komm, na emu nsu puw dontori ne dɔte gu. 21 Asomdwoe nni hɔ mma abɔnefo, me Nyankopɔn na ose. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana