Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 56 - KYERƐW KRONKRON


Aman nyinaa bɛyɛ AWURADE nkurɔfo

1 Sɛ AWURADE se ni: Munni atemmu so, na monyɛ adetrenee, na me nkwagye reyɛ aba, na wɔrebeyi me trenee adi.

2 Nhyira ne ɔdasani a ɔyɛ eyi, ne onipa ba a okura mu no, nea odi homeda a ongu ho fi na ɔhwɛ ne nsa na anyɛ bɔne biara no.

3 Na ɔnanani a ɔde ne ho abɛbata AWURADE ho no, mma ɔnnka sɛ: Otu na AWURADE betu me afi ne man mu; na mma ayitotoni nso nnka sɛ: Hwɛ, me de, meyɛ duwui.

4 Na sɛ AWURADE ka ni: Ayitotofo a wodi me homeda na wɔpaw ade a ɛsɔ m’ani na wokura m’apam mu no,

5 mɛma wɔn me fi ne m’afasu mu afa ne din a eye sen mmabanin ne mmabea; daa din a wɔrentwa nkyene na mede mɛma mo.

6 Na ananafo a wɔabɛbata AWURADE ho sɛ wɔresom no na wɔadɔ AWURADE din na wɔbɛyɛ no nkoa no, obiara a odi homeda a ongu ho fi ne wɔn a wokura n’apam mu no,

7 mede wɔn mɛba me bepɔw kronkron no so, na mama wɔn ani agye me mpaebɔ fi, wɔn hyew afɔre ne wɔn kum afɔre bɛsɔ m’ani, m’afɔremuka so; na me fi no, wɔbɛfrɛ no mpaebɔ fi ama aman nyinaa.

8 AWURADE Nyankopɔn a ɔboa Israel mpanyimfo ano no asɛm ni: Mɛkɔ so maboa nnipa ano mapae ɛno so maka wɔn a wɔaboa wɔn ano no ho.


Ɔman no sohwɛfo asotwe

9 Wuram mmoadoma a moyɛ keka nyinaa, mmoadoma a moyɛ keka wɔ kwae mu nyinaa mommra mmedidi hamham.

10 N’awɛmfo yɛ anifuraefo, wɔn nyinaa nnim de; wɔn nyinaa yɛ akraman mum, wontumi mmobom; wɔyɛ nnamukasafo deda hɔ, wɔtɔ nko.

11 Na akraman no yɛ adifudepɛfo sɛ, wonnim ɔmee. Wɔyɛ nguanhwɛfo a wonni nhumu, wɔn nyinaa adannan wɔn ani akyerɛkyerɛ wɔn akwan so, obiara hwehwɛ ne mfaso, wɔn ankasa mfaso, obiako ne obiara.

12 Wɔka sɛ: Mommra, mekɔfa nsa aba, na yɛawe mpahyewa, na ɔkyena bɛyɛ sɛ nnɛ, ɛbɛso aboro so pii.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan