Yesaia 55 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn dom frɛ 1 Mommra o, mo a osukɔm de mo nyinaa, mommra nsu ho, na mo a munni sika no mommra mmɛtɔ, na munni. Mommra mmɛtɔ nsa ne nufusu; ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na enni bo nso. 2 Ɛdɛn na mokari sika gye nea ɛnyɛ aduan, ne mo brɛ so ade gye nea ɛmmee mo? Muntie me ɛ, munni nnepa, na sradeduan nyɛ mo kra dɛ. 3 Monyɛ aso ɛ, na mommra me nkyɛn, muntie, na mo kra nnya nkwa. Na me ne mo bɛpam daa apam: Dawid adɔeyɛde a esi hɔ pintinn no. 4 Hwɛ, mede no mayɛ aman dansefo, aman safohene ne mmarahyɛfo. 5 Hwɛ, wobɛfrɛ ɔman a wunnim wɔn aba, na ɔman a wonnim wo no de mmirika bɛba wo nkyɛn, AWURADE wo Nyankopɔn, Israel kronkronni no nti, efisɛ wahyɛ wo anuonyam. 6 Monhwehwɛ AWURADE, bere a ɔma wohu no no, momfrɛ no bere a ɔbɛn no. 7 Ma ɔbɔne nnyaw ne kwan na onipa huhuw mpa n’adwene, ma wɔnsan mmra AWURADE nkyɛn na ne yam bɛhyehye no ama wɔn, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne kyɛ a ɔde bɛkyɛ dɔɔso. 8 Na ɛnyɛ m’adwene ne mo adwene na ɛnyɛ mo akwan ne m’akwan, AWURADE asɛm ni; 9 na sɛ ɔsoro korɔn sen asase no, saa ara na m’akwan korɔn sen mo akwan, na m’adwene nso sen mo adwene. 10 Na sɛnea osu ne sukyerɛma fi soro gu fam na ɛnsan nkɔ hɔ bio, gye sɛ ɛfɔw asase ansa ma ɛba aduan na ɛsow aba, na ɛde aba ma ogufo ne aduan ma odifo no, 11 saa ara na m’asɛm a efi m’anom bɛyɛ; ɛrensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no. 12 Na anigye na mode befi akɔ, na wɔde asomdwoe agya mo kwan; mo nti mmepɔw ne nkoko bɛto anigye dwom prɛko pɛ, na wuram nnua nyinaa abobɔ wɔn nsam. 13 Ɔpopaw befifi asi nsɔe ananmu, na ohuannua befifi akraate ananmu; na ɛbɛyɛ din ama AWURADE ne daa sɛnkyerɛnne a wɔrentwa nkyene. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana