Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 54 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn dɔ ma Israel

1 To dwom, wo bonin a woanwo; to anigye dwom na fa ahosan teɛm, wo a wonkyem mma ɛ! Na onnibie mma bɛdɔɔso asen nea ɔwɔ okunu mma, AWURADE na ose.

2 Ma wo ntamadan mu ntrɛw, na wɔntwe wo tenabea mmɔhɔɔ no mu, nkyɛe biara so. Ma wo ntampehama nware, na ma wo mmofunnua ntintim.

3 Na wobɛtrɛw akɔ nifa ne benkum, na w’asefo afa amanaman no, na woama wɔatenatena nkurofo no so.

4 Nsuro, na w’ani renwu, nsi wo ti ase, na w’anim renkisa, na wo werɛ befi wo mmabaabere mu aniwu, na wo kunayɛ ahohora no, worenkae bio.

5 Na wo yɛfo ne wo kunu, asafo AWURADE ne ne din, na wo dimafo, ne Israel kronkronni no, wɔfrɛ no asase nyinaa Nyankopɔn.

6 Na AWURADE afrɛ wo sɛ ɔbea a wɔagyaw no na ɔredi honhom mu yaw, sɛ mmerantebere mu yere a wɔapa no, wo Nyankopɔn na ose.

7 Migyaw wo kakraa bi ketewa sɛ, nanso ayamhyehye kɛse na mede mɛboa w’ano.

8 Abufuw mmoroso mu na mede m’ani mihintaw wo kakraa bi, nanso mede daa adɔe mehu wo mmɔbɔ, wo dimafo AWURADE na ose.

9 Na eyi yɛ me sɛ Noa nna no: Sɛnea mekaa ntam sɛ Noa nsu no mmfa asase so bio no, saa ara nso na maka ntam sɛ me bo remfuw wo na merenteɛteɛ wo bio.

10 Na mmepɔw betwiw akɔ na nkoko atutu, na m’adɔe de, ɛrentwe mfi wo so, na m’asomdwoe apam no rentutu, AWURADE a ne yam hyehye no ma wo no na ose.

11 O Mmɔboroni a ahum bɔɔ wo a wɔnkyekyee wo werɛ ɛ, hwɛ, me ara mede w’abo mɛtoto ntɔnkadubiri mu, na mede hoa abo mato wo nhyɛase,

12 na mede bogya abo mayeyɛ w’abantifi, na mede nsramma abo mayɛ w’aponkɛse, ne wo nkurotia mu nyinaa abo afɛfɛ.

13 Na wo mma nyinaa bɛyɛ AWURADE asuafo, na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso.

14 Trenee mu na w’ase betim; wo ne nhyɛso ntam bɛpan, na worensuro, na wo ne ahude nso ntam bɛpan, na ɛremmɛn wo.

15 Hwɛ, wɔpɛ wo atutuw, nso emfi me; nea osua wo so no, wo nti ɔbɛhwe ase.

16 Hwɛ, me na mebɔɔ ɔtomfo a ohuw gyabiriw mu, na ɔbɔ akode sɛ ne dwuma te, na me ara na mebɔɔ ɔsɛefo sɛ ɔnsɛe.

17 Akode biara a wɔbɔ tia wo no renyɛ yiye, na tɛkrɛma biara a ɛbɛsɔre ne wo ayi ntɛn no, wobebu no fɔ; ɛno ne AWURADE nkoa agyapade ne wɔn trenee a efi me no, AWURADE asɛm ni.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan