Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 52 - KYERƐW KRONKRON


AWURADE begye Yerusalem

1 Sion, nyan ɛ, nyan ɛ! Hyɛ w’ahoɔden! Yerusalem, kurow kronkron, hyɛ w’anuonyam atade! Na momonotoni ne nea ne ho ntew bi renkɔ so nhyɛn wo mu bio.

2 Yerusalem, poroporow wo ho mfutuma gu, sɔre, tena ase! Sion babea a wɔafa wo dommum, sansan wo kɔn mu nkyehama!

3 Na sɛ AWURADE se ni: Wɔantɔn mo annye hwee, na ɛnyɛ sika na wɔde begye mo.

4 Na sɛ AWURADE Nyankopɔn ka ni: Me man sian kɔɔ Misraim kan kɔyɛɛ hɔ ahɔho, na Asaria nso hyɛɛ wɔn so kwa.

5 Na afei, dɛn na mewɔ meyɛ wɔ ha, AWURADE asɛm ni, na wɔafa me man kwa yi? Wɔn a wodi wɔn so no teɛteɛm, AWURADE asɛm ni; na wɔka me din ho abususɛm daa yi, daa adesae.

6 Ne saa nti me man behu me din, ne saa nti da no ara wobehu sɛ me ara mene nea ɔka sɛ: Mini.


Wɔn a wɔagye wɔn no sanba

7 Nea ɔnam mmepɔw so ka asɛmpa no anan yɛ fɛ dɛn ara! Ɔka asomdwoesɛm, ɔka papa ho asɛmpa, ɔma wɔte nkwagye asɛm, na ɔka kyerɛ Sion sɛ: Wo Nyankopɔn di hene!

8 Tie! W’awɛmfo bom ma wɔn nne so wɔde ahurusi bom to dwom; efisɛ wɔn ani tua sɛ AWURADE resan aba Sion.

9 Yerusalem amamfo, mommom nto anigye dwom, na AWURADE akyekye ne man werɛ, wagye Yerusalem.

10 AWURADE ayi ne basa kronkron no ho, amanaman nyinaa anim, na asase ano nyinaa ahu yɛn Nyankopɔn nkwagye.

11 Montwe mo ho, montwe mo ho mfi hɔ nkɔ, monnka ade a ɛho ntew; mumfi adi mfi ne mu, montew mo ho, mo a mosoa AWURADE nnwinne no.

12 Na ɛnyɛ ɔhare so na mubefi adi, na ɛnyɛ aguan so na mobɛnantew, na AWURADE redi mo anim, na Israel Nyankopɔn abɔ mo kyidɔm.


Onyankopɔn akoa no amanehunu

13 Hwɛ, m’akoa bedi yiye, ɔbɛsɔre na wɔama no so na wakorɔn sɛ.

14 Sɛnea wo ho yɛɛ nnipa pii ahodwiriw no, esiane sɛ n’anim asɛe a ɛnte sɛ onipa de, na ne nipaban nte sɛ nnipa mma de bio no nti,

15 saa ara na ɔbɛma amanaman pii abobɔ piriw, na ahene bemuamua wɔn ano wɔ ne ho, efisɛ nea wɔnka nkyerɛɛ wɔn no, wohu, na nea wɔntee da no, wɔte ase.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan