Yesaia 51 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn bɔhyɛ ne n’awerɛkyekye 1 Muntie me, mo a mudi trenee akyi na mohwehwɛ AWURADE no: Monhwɛ ɔbotan a wɔpaee mo fii mu ne abopaebea a wotuu mo fii mu no, 2 monhwɛ mo agya Abraham, ne Sara a ɔkyem woo mo no, sɛ ɔyɛ obiakofo na mefrɛɛ no, na mihyiraa no mema ɔdɔe. 3 Na AWURADE rekyekye Sion werɛ, ɔkyekye n’amamfo nyinaa werɛ, na wadan ne sare so sɛ Eden, ne n’anwea pradada sɛ AWURADE turom; wobehu mu ahosɛpɛw ne anigye, aseda ne dwonto. 4 Me nkurɔfo, muntie me, na me man, monyɛ aso mma me, na mmara befi me nkyɛn akɔ, na mama m’atemmu atim hɔ ayɛ aman hann. 5 Me trenee reba ntɛm, me nkwagye afi adi, na m’abasa bebu aman atɛn; me so na nsu ano aman ani da, na me basa na wɔtwɛn. 6 Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro, na monhwɛ asase wɔ fam, na ɔsoro bɛyera sɛ owusiw, na asase asuw sɛ atade, na ɛsofo awuwu sɛ nwansena, na me nkwagye bɛtena hɔ daa, na me trenee rensa da. 7 Muntie me, mo a munim trenee, ɔman a me mmara wɔ wɔn koma mu, munnsuro ɔdasani ahohorabɔ na mommma wɔn ahiiyi nnyɛ mo ahopopo, 8 na ntummoa bɛwe wɔn sɛ atade, na abubummabaa adi wɔn sɛ kuntu; na me trenee bɛtena hɔ akosi daa, na me nkwagye afa awo ntoatoaso nyinaa mu. Anigye wɔ Sion 9 Sɔre ɛ, sɔre ɛ, nya ahoɔden, AWURADE basa! Nyan sɛ kan nna no mu, teteete awo ntoatoaso mu. So ɛnyɛ wone nea otwitwaa Rahab na ohwirew asuboa kɛse no mu no? 10 So ɛnyɛ wone nea ɔmaa po yowee no, ebun kɛse mu nsu no; nea ɔde po ase yɛɛ ɔkwan maa wɔn a wɔagye wɔn sɛ wontwa no? 11 Na wɔn a AWURADE agye wɔn no bɛsan, na wɔde ahurusi aba Sion, na daa anigye bɛtena wɔn atifi; ahosɛpɛw ne anigye bɛka wɔn nsa, na awerɛhow ne apinisi aguan. 12 Me ara mene mo werɛkyekyefo; hena ne wo na wusuro ɔdasani a owu ne onipa ba a wɔyɛɛ no sɛ wura? 13 Na wo werɛ afi AWURADE a ɔyɛɛ wo na ɔtrɛw ɔsoro mu na ɔhyɛɛ asase ase no, na wo ho popo daa yi daa nyinaa, ɔhoguanfo abufuw nti, sɛnea ɔresiesie ne ho abɛsɛe biribi, na ɛhe na ɔhoguanfo abufuw no wɔ? 14 Wɔbɛyɛ ntɛm ayi pokyerɛni, na ɔrenwu nkɔ Amoa mu, na n’aduan remmɔ no. 15 Na mene AWURADE, wo Nyankopɔn, a ɔhwanyan ɛpo ma n’asorɔkye yɛ hu no, asafo AWURADE ne ne din. 16 Na mede me nsɛm mahyɛ w’anom, na mede me nsa ase nwini makata wo so, na matrɛw ɔsoro mu na mahyɛ asase ase, na maka makyerɛ Sion sɛ: Me man ne wo. Sion denhyɛ 17 Nyan ɛ, nyan ɛ! Sɔre ɛ, Yerusalem, wo a woanom AWURADE nsam n’abufuw kuruwa no; woanom ntintantɔ kuruwa no na woanom, ahwew mu. 18 Wannya obi ankogya no ne mma a ɔwoo wɔn nyinaa mu bi ankogya no, na wannya obi anso ne nsa amfi ne mma a ɔyɛn wɔn no nyinaa mu. 19 Ade abien yi na ɛtoo wo, hena na obegyam wo? Ɔsɛe ne obubu ne ɔkɔm ne afoa: Mɛkyekye wo werɛ dɛn? 20 Wo mma totɔɔ piti boaboaa hɔ mmorɔn nyinaa twea so sɛ ɔforote, afiri mu, na AWURADE abufuhyew, wo Nyankopɔn animka, ayɛ wɔn amaama. 21 Enti tie eyi ɛ, wo a woapira, wo a woabow, nanso ɛnyɛ nsa. 22 Sɛ wo wura, AWURADE, ne wo Nyankopɔn a odi ma ne man no se ni: Hwɛ, migye wo nsam ntintantɔ kuruwa no, m’abufuhyew kuruwa no, worenkɔ so nnom bio. 23 Na mede bɛhyɛ w’ahawfo no nsa, hena na ɔka kyerɛɛ wo sɛ: Kotow, na yɛmfa wo so; na wode w’akyi too hɔ sɛ fam anaasɛ borɔn maa wɔn a wɔfa so no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana