Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 50 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn betumi agye ne man

1 Sɛ AWURADE se ni: Ɛhe ara na mo maame awaregyae nhoma a mede mekoo no no wɔ? Anaasɛ m’akafo mu hena na metɔn mo memaa no? Hwɛ, mo amumɔyɛ nti na wɔatɔn mo, na mo mmarato nti na wɔako mo maame.

2 Ɛdɛn nti na mebae, na obi nni hɔ, na mefrɛe, na obi annye so? So me nsa yɛ tiaa sɛ mintumi minnye, anaasɛ tumi a mede meyi bi nni me mu? Hwɛ, mede me nkaanim mema po yow, mema nsubɔnten danan anwea so, nsu a enni hɔ nti, emu nam porɔporɔw, na osukɔm kunkum wɔn.

3 Mede tumm mekata ɔsoro, na mede ayitam meyɛ ne nkataho.


Onyankopɔn akoa no nokwaredi

4 AWURADE Nyankopɔn ama me ɔkyerɛkyerɛfo tɛkrɛma, sɛ minhu sɛnea mede asɛm mɛwaw nea wabrɛ; onyan me daa anɔpa, onyan m’aso, sɛ memfa mintie sɛ asuafo.

5 AWURADE Nyankopɔn abue m’aso, na me nso mantew atua mansan m’akyi.

6 Medan m’akyi memaa mmaakafo, ne m’afono nso memaa nwi pempenfo; manyi m’ani mamfi ahohorade ne ntasu ho.

7 Na AWURADE Nyankopɔn bɛboa me, enti na ahohora amfa me so; enti na mayɛ m’anim sɛ twɛrebo, na minim sɛ m’ani renwu.

8 Nea obu me bem no bɛn, hena na ɔne me bedi asi? Ɔmma yennyina nhyiam. Hena na ɔne me anya? Ma ɔmmɛn me.

9 Hwɛ AWURADE Nyankopɔn bɛboa me; hena ne nea obebu me fɔ? Hwɛ, wɔn nyinaa besuw sɛ atade, ntummoa bɛwe wɔn.

10 Mo mu hena na osuro AWURADE, na otie n’akoa asɛm? Nea ɔnam sum mu na hann bi nhyerɛn mma no no, nanso ɔde ne ho to AWURADE din so, na ontweri ne Nyankopɔn.

11 Hwɛ, mo a mososɔ ogya na mode nnyentia a ɛdɛw mia nyinaa, monantew mo gya no dɛw ne nnyentia a moasosɔ no mu. Eyi na ebefi me nsam ayɛ mo, ɛyaw mu na mobɛdeda.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan