Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 49 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn akoa adwuma kɛse no

1 Muntie me, mo mpoano aman, na monyɛ aso, akyirikyiri aman! AWURADE afrɛ me afi yafunu mu, ofi me na yam na ɔbɔɔ me din.

2 Na ɔyɛɛ m’ano sɛ afoa nnamnam, ne nsa ase nwini mu na ɔde me siei, na ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nam, ɔde me siee n’agyan kotoku mu.

3 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: M’akoa ne wo, Israel a menya wo ho anuonyam.

4 Na me de, mekae sɛ: Mabrɛ magu, masɛe m’ahoɔden ama adehunu ne ahuhude, nanso m’atemmu wɔ AWURADE nkyɛn, na m’adwuma so ade wɔ me Nyankopɔn nsam.

5 Na afei AWURADE se, nea ɔnwenee me fii yafunu mu sɛ memmɛyɛ no akoa, na mensan Yakob memmra ne nkyɛn, na memmoa Israel ano memmrɛ no no, efisɛ m’anim aba nyam, AWURADE anim, na me Nyankopɔn ayɛ m’ahoɔden,

6 ose: Ɛyɛ hare sɛ wobɛyɛ m’akoa na woama Yakob mmusuakuw so, na wode Israel mu wɔn a wɔakora wɔn so no asan aba; na mede wo mɛyɛ amanaman hann, na woayɛ me nkwagye akodu asase ano.

7 Saa na AWURADE, Israel dimafo, ne kronkronni no ka kyerɛ nea wobu ne kra animtiaa, nea ɔman kyi no, nea ɔyɛ nhyɛsofo akoa no sɛ: Ahene behu, na wɔasɔresɔre, asafohene nso na wɔakotow asɔre, AWURADE a ɔyɛ ɔnokwafo, Israel kronkronni a ɔpaw wo no ntia.


Yerusalem san yɛ foforo

8 Sɛ AWURADE se ni: Adom bere mu na matie wo, na nkwagye da mu na maboa wo, na mɛkora wo so, na mede wo mayɛ ɔman apam sɛ: Ma asase no so si hɔ, na ma wɔmfa agyapade a ayɛ afo no nni so bio.

9 Na ka kyerɛ nneduafo sɛ: Mumfi adi! Ne wɔn a wɔwɔ sum mu no sɛ: Mumpue! Akwan so na wobedidi, na mpampa predede nyinaa so bɛyɛ wɔn adidibea;

10 ɔkɔm renne wɔn, na osukɔm renne wɔn, na ɔhyew ne owia renka wɔn, na nea ohu wɔn mmɔbɔ no begya wɔn, na wakyerɛ wɔn mmasu so kwan.

11 Na meyɛ me mmepɔw nyinaa akwan, na m’atempɔn akorɔn.

12 Hwɛ, eyinom fi akyirikyiri reba, na hwɛ, eyinom fi atifi fam ne atɔe fam, na eyinom nso fi Sinifo asase so.

13 Ɔsoro, monto dwom, na asase, di ahurusi! Mmepɔw nso, momfrɛ nserehehe dwom! Na AWURADE akyekye ne man werɛ, na wahu ne mmɔborɔfo mmɔbɔ!

14 Na Sion kae sɛ: AWURADE agyaw me, na AWURADE werɛ afi me.

15 So ɔbea werɛ befi ne ba akokoaa, na ne yam renhyehye no ne yafumma ho? Sɛ eyinom werɛ befi po a, me de, me werɛ remfi wo.

16 Hwɛ, mede wo makurukyerɛw me nsayam; w’afasu sisi m’anim daa yi.

17 Wo nkurow kyekyefo ho bɛyɛ hare asen wo dwiriwfo, na w’asɛefo befi wo mu akɔ.

18 Ma w’ani so hwɛ wo ho hyia, eyinom nyinaa rehyia aba wo nkyɛn. Sɛ mete ase yi, AWURADE na ose, wobɛhyɛ wɔn nyinaa sɛ ahyehyɛde, na wode wɔn abɔ wo ho so, sɛ ayeforo.

19 Na w’amamfo ne wo nkurow a asɛe ne w’afasusin asase no, afei wobɛyɛ hihiaa a wɔn a wɔbɛtena so no rensen, na wɔn a wɔmene wo no akɔ akyirikyiri.

20 Nso mma a kan no ɛbɔɔ wo no benya aka w’asom sɛ: Afa ha yɛ hihiaa ma me, twiw kɔ, na minnya tenabea.

21 Na wobɛka wo koma mu sɛ: Hena na ɔwoo eyinom maa me? Na me de, mma bɔɔ me, na meyɛɛ obonin, wotuu me kɔe, na wosunsum me; na eyinom de, hena na ɔyɛn wɔn? Hwɛ, me de, ɛkaa me nko, na afei ɛhe na eyinom fi?

22 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, merebɛma me nsa so makyerɛ amanaman, na masi me frankaa mama aman, na wɔaturu wo mmabanin, wɔn kokom, na wo mmabea nso, wɔasoa wɔn akɔnkɔn aba.

23 Na ahene bɛyɛ wo gyigyefo, na wɔn ahemmaa ayɛ wo nufumafo; wɔde wɔn anim bebutubutuw fam ama wo, na wɔataforo wo nan ase mfutuma, na woahu sɛ me, mene AWURADE na wɔn a wɔn ani da me so no ani renwu.

24 So wobegye ɔhoɔdenfo nsam ade a okurae, anaasɛ ɔhene tirimmɔdenfo no nnommum befi ne nsa?

25 Na sɛ AWURADE se ni: Dɔmmarima nnommum po wobegye, nea ne ho yɛ hu nso ade a wafa befi mu, na me ara me ne nea ɔne wo ham no bɛham, na me ara megye wo mma nkwa.

26 Na mɛma w’ahawfo adi wɔn ankasa nam, na wɔn mogya abow wɔn sɛ nsamono, na ɔhonam nyinaa ahu sɛ me AWURADE, mene wo gyefo, na wo dimafo ne Yakob tumfo no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan