Yesaia 48 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn yɛ ɔbɔadeɛ ne ogyefo 1 Muntie eyi, Yakob fi, mo a wɔde Israel din afrɛ mo na mufi Yuda asen mu no, mo a mode AWURADE din ka ntam na mobɔ Israel Nyankopɔn din, na ɛnyɛ nokware anaa trenee mu no. 2 Na wɔde kurow kronkron no frɛ wɔn ho, na wotweri Israel Nyankopɔn a asafo AWURADE ne ne din no. 3 Kan nneɛma no, mifi mekae ɛnyɛ nnɛ, na efii m’anom, na mama wɔate; mpofirim na meyɛe, na ɛbae. 4 Efisɛ minim sɛ woyɛ asoɔden, na wo kɔn yɛ ɔdaban, na wo moma yɛ kɔbere; 5 enti na meka mekyerɛɛ wo akyɛ; ennya mmae no, mema wotee, na woanka sɛ: M’adwinhoni na ɔyɛe, me honi a wɔasen ne me gu honi na wɔhyɛe. 6 Woate; na afei hwɛ eyi nyinaa; na wo nso worenka nkyerɛ? Merema woate nsɛm foforo afi sesɛɛ, ne nea wɔakora so a wunhui no; 7 afei na wɔabɔ, na emfi tete, na wontee da gye nnɛ, na woanka sɛ: Hwɛ, minim dedaw. 8 Wontee pɛn, nso wunhui ɛ, efi tete na w’aso mmuei; na minim sɛ nkontompo ara na wutwa, na wɔfrɛ wo mmaratofo fi yafunu mu. 9 Me din nti na metwentwɛn m’abufuw ase, na m’ayeyi nti midwoo m’ani memaa wo, na mansɛe wo. 10 Hwɛ, manan wo, nso ɛnyɛ sɛ dwetɛ, masɔ wo ahwɛ, amane fononoo ahorow mu. 11 Me nti, me nti ara na meyɛ; efisɛ, wonhura me din ho dɛn? Meremfa m’anuonyam memma obi. Ɔdom foforo ne nkwagye foforo 12 Tie me, O Yakob, ne Israel a mafrɛ wo, mene no, mene odikanfo, na me ara nso ne okyidifo. 13 Nso me nsa na ɛhyɛɛ asase ase, na me nifa de ɔsoro trɛw hɔ; sɛ mefrɛ wɔn a, wobegyinagyina hɔ. 14 Mo nyinaa mommoaboa mo ho ano ntie: Wɔn mu hena na ɔkaa eyinom? Nea AWURADE dɔ no no bɛyɛ n’anisɔde Babel ho, na ne basa ayɛ Kaldeafo ho. 15 Me, me na maka, nso mafrɛ no; mama waba, na ne kwan yɛ no siadekwan. 16 Muntwiw mmɛn me, muntie eyi. Ɛnyɛ ahintawee mu na mifi mfiase mekasae; efi bere a ɛbae no na mewɔ hɔ, na afei AWURADE Nyankopɔn asoma me ne ne honhom. 17 Sɛ AWURADE se ni: Wo dimafo, Israel kronkronni no: Me AWURADE, wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so. 18 Sɛ wowɛn w’aso ma me mmara nsɛm ɛ, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye, 19 Anka w’asefo bɛdɔ sɛ anwea, na wo yafunu mufo ayɛ sɛ atoko; wɔrentwa wɔn din nkyene, na wɔrensɛe no mfi m’anim. 20 Mumfi Babel, munguan mfi Kaldeafo mu; momfa ahurusi nne nka eyi, monteɛm mma wɔnte, momma emfi nkodu asase ano. Monka sɛ: AWURADE agye n’akoa Yakob. 21 Ɔde wɔn nam anwea pradada so no, nanso osukɔm anne wɔn; otuee nsu fii ɔbotan mu maa wɔn, ɔpaee ɔbotan mu maa nsu senee. 22 Asomdwoe nni hɔ mma abɔnefo, AWURADE na ose. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana