Yesaia 47 - KYERƐW KRONKRONBabel ho atemmu 1 Sian, na tena mfutuma mu, Ɔbaabun Babel babea, Tena fam, ahengua bi nni hɔ, Kaldeafo babea, na wɔremfrɛ wo ɔbaabere a ɔkokɔ ne ho bio. 2 Fa awiyammo ne ne ba kɔyam awi, yi wo nkataanim, ma wo gyawurusi so, yiyi w’asrɛ ho, na twa asu no. 3 W’adagyaw bɛda adi, na wɔahu w’ahohora. Metɔ were, na merenkyɛe onipa so. 4 Yɛn dimafo no, asafo AWURADE ne ne din, Israel kronkronni ne no. 5 Tena ase dinn, na kɔ sum mu, O Kaldeafo babea, na wɔremfrɛ wo ahenni horow no so awuraa bio. 6 Me bo fuw me man, mihuraa m’agyapade ho, na mede wɔn mehyɛɛ wo nsa, woanyi ayamhyehye ankyerɛ wɔn, nkwakoraa ne mmerewa so po womaa wo kɔndua yɛɛ duru dodo; 7 na wokae sɛ: Mɛyɛ awuraa akosi daa. Na ɛno nti amma woamfa eyinom anhyɛ wo komam, woankae n’awiei. 8 Na afei tie eyi ɛ, ɔhodomfo a wote hɔ gye w’ani, na wote hɔ dwoodwoo no, wo a wuse wo koma mu sɛ: Me ara ni, na obi nni akyiri bio, merentena kuna mu, na merenni mmasigyaw. 9 Na ade abien yi bɛba wo so afrɛso, mpofirim da koro, mmasigyaw ne kunayɛ; ɛbɛba wo so ma ayɛ hu, wo ntafowayi dodow ne wo kaberɛkyere a ano yɛ den rentumi nyɛ hwee. 10 Na wode wo ho too wo bɔne mu kae sɛ: Obi nhu me; wo nyansa ne wo nimdeɛ bɔɔ w’adwene ko, ma wokae wo koma mu sɛ: Me ara ni, na obi nni akyiri bio. 11 Na mmusu bɛto wo a worenhu yi; na abu bebu wo a nkonyaayi rentumi mpata; na mpofirim na ɔsɛe bɛba wo so, a wo ara wonnim. 12 Sɔre gyina yiye ɛ, fa wo kaberɛkyere ne wo ntafowayi dodow a wufi wo mmofraase brɛɛ mu no, ebia wubetumi de ayɛ biribi, ebia wode beyi hu. 13 Woabrɛ w’agyinatu pii no mu; ma wɔn a wɔhwɛ wim nsɔre nnyina ɛ, na wonnye wo nkwa, ɔsoro ani mu kyekyɛfo no, nsorommahwɛfo a ɔsram foforo daa wɔkyerɛ nneɛma a ɛbɛba wo so no. 14 Hwɛ, wɔayɛ sɛ sare a awo, ogya ahyew wɔn, wɔrentumi nnye wɔn kra mfi gyaframa nsam; ɛnyɛ nsramma a wɔde huahua wɔn ho, anaasɛ ogya a wɔtena ho. 15 Saa na wɔn a woabrɛ wɔn ho no bɛyɛ ama wo; wɔn a wo ne wɔn adi gua fi wo mmofraase no, wɔn nyinaa ayera afi wɔn akwan so; obiara nni hɔ a obegye wo. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana