Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 46 - KYERƐW KRONKRON


Babel abosom asehwe

1 Bel butuw, Nebo kotow; mmoa ne anantwi soso wɔn ahoni; wɔakyekye nea moso yi asoasoa mmoa a wɔrebrɛ.

2 Wɔbom kotow butuw; wontumi ansoa nnosoa no; na wɔn ankasa nso kɔ atukɔ mu.

3 Yakob fifo muntie me ne Israel fi nkae nyinaa, mo a maturu mo afi yafunu mu na masoa mo afi awotwaa mu no,

4 Na ekosi w’akorayɛ ne wo mmerewayɛ mu mpo, mene me ara, na ekosi dwen fuw mu mpo, mɛbɔ wo akɔnkɔn. Me na mɛyɛ, na me na mɛsoa, me na mɛbɔ wo akɔnkɔn, na mayi wo masi.

5 Hena na mode me bɛto ne ho na mode me agyina ne ho, na mode no besusuw me, na yɛasɛ?

6 Wɔn a, wohwie sika fi fotow mu, na wɔde nsenia kari dwetɛ; wɔbɔ sikadwumfo paa sɛ ɔnyɛ no onyame, wɔkotow, na wɔsɔre no.

7 Wɔma no so bɔ no akɔnkɔn kɔsoɛ no si ne sibea, na esi hɔ; ɛntwe ne ho mfi n’afa; sɛ obi teɛm frɛ no a, ommua, na ontumi nnye obi n’ahohia mu.


Nkwagye no bɛn

8 Monkae eyi, na munnwen ho, mo mmaratofo, momfa nhyɛ mo komam.

9 Monkae kan nneɛma a efi tete no, sɛ me ara mene Nyankopɔn, na obi nni hɔ bio; mene Nyankopɔn, na nea ɔte sɛ me nni hɔ koraa.

10 Me a mifi mfiase meka awiei asɛm, na mifi tete mmere no meka nea wɔnyɛe no, meka sɛ: Me tirimpɔw begyina, na nea ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ.

11 Mɛfrɛ ɔkoropɔn bi afi apuei, ne m’agyina mu barima afi akyirikyiri asase so. Makasa, na mɛma aba mu; madwen, na mɛyɛ.

12 Muntie me, akomaprimfo a mo ne ogye ntam apan.

13 Mede me gye mabɛn, enni akyiri, na me nkwagye renka akyiri. Mede nkwagye mesi Sion, na mede m’anuonyam mama Israel.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan