Yesaia 45 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn paw Kores 1 Saa na AWURADE ka kyerɛ nea wasra no Kores, nea maso ne nifa sɛ mɛbrɛ amanaman ase n’anim, na masansan ahene abɔso, sɛ mebue apon n’anim, ne nkurow apon, na wɔantoto mu no: 2 Medi w’anim, na mabrɛ mmepɔw no ase; mebubu kɔbere apon mu, na matwitwa dade adaban mu. 3 Na mede sum mu akorade ne aboɔdenne a ahintaw mɛma wo; na woahu sɛ me, AWURADE, mene nea mebɔɔ wo din mefrɛɛ wo no, Israel Nyankopɔn no. 4 M’akoa Yakob ne Israel a mapaw no nti na mede wo din mefrɛɛ wo, na mebɔɔ wo abodin no, nso wunnya nhuu me ɛ. 5 Mene AWURADE, na obi nni hɔ bio; Onyankopɔn bi nni hɔ sɛ me nko. Me na mema wo ahoɔden a wuhia, nso wunnim me, 6 na wɔahu afi awiapuei, ne atɔe nso, sɛ obiara nni hɔ gye me. Mene AWURADE, na obi nni hɔ bio. 7 Me na mebɔ hann, na mebɔ sum, mema asomdwoe, na mede amane ba; me, AWURADE, na meyɛ eyinom nyinaa. 8 Ɔsoro, momma trenee mfi soro nsosɔ, na emfi amununkum mu ntɔ; asase mmue, na ɛmfa ogye mmra, na ɛne trenee mmom mfifi: Me, AWURADE, na mebɔe. AWURADE nko ne Nyankopɔn 9 Nea ɔne ne nwemfo ham, fam nkyɛmfɛre mu kyɛmfɛre no nnue! So dɔtebo ka kyerɛ ne nwemfo sɛ: Woyɛ dɛn? Anaa: W’adwuma no nni nsa? 10 Nea ɔka kyerɛ agya sɛ: Ɛdɛn na wowoe? Anaa ɔbea sɛ: Ɛdɛn na wokyem woe? No nnue! 11 Sɛ AWURADE, Israel kronkronni ne ne yɛfo no se ni: So mobebisa me nea menyɛ me mma ho; anaasɛ mobɛhyɛ me wɔ me nsa ano adwuma ho? 12 Me na mebɔɔ asase, na mebɔɔ ɛso nnipa wɔ so; me na me nsa trɛw ɔsoro mu, na mehyɛ mu asafo nyinaa. 13 Me na mama Kores so trenee mu, na mɛteɛteɛ n’akwan nyinaa; ɔno na ɔbɛkyekye me kurow, na obegya me tukɔfo kwan a ɔrennye tiade anaa akyɛde bi, asafo AWURADE na ɔka. 14 Sɛ AWURADE se ni: Misraim adwumade ne Etiopia aguade a wonyae, ne Sebafo, mmarima atenten no, bɛsen aba wo nkyɛn abɛyɛ wo de. Wobedi w’akyi; nkyehama mu na wɔbɛsen aba abɛsɔre wo, na wɔabɔ wo mpae sɛ: Ampa, wo mu na Onyankopɔn wɔ, na obi nni hɔ bio; Onyankopɔn bi nni baabi. 15 Ampa ara, wone Nyankopɔn a woahintaw, Israel Nyankopɔn, ogyefo no. 16 Wɔn nyinaa ani bewu na wɔabɔ ahohora, ahonidwumfo nyinaa bɛbom abɔ ahohora. 17 AWURADE de daa daa nkwagye agye Israel; mo ani renwu na wɔremmɔ mo ahohora bio da biara da. Amanaman no frɛ 18 Na sɛ AWURADE se ni: Nea ɔbɔɔ ɔsoro na ɔnwenee asase na ɔyɛe no, ɔne Nyankopɔn, ɔno na ɔbɔɔ asase na ɔde sii hɔ; wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntena so, Mene AWURADE, na obi nni hɔ bio. 19 Ɛnyɛ ahintawee mu na mekasae, ɛnyɛ sum asase so baabi; manka mankyerɛ Yakob asefo sɛ: Monhwehwɛ me kwa! Mene AWURADE a mekasa nokware mu, meka nea ɛteɛ. 20 Munhyia mmra, mommom ntwiw mmɛn, mo a moafi mu, amanaman mu. Wonnim de, wɔn a wɔsoso wɔn ahoni nnua, na wɔbɔ onyame a ontumi nnye nkwa mpae. 21 Monkasa, monka mo asɛm: Ma wɔmmom ntu agyina. Hena na ɔma wɔtee eyi fi teteete na ɔkae fi tete bemee? So ɛnyɛ me, AWURADE? Na Onyankopɔn bi nni hɔ gye me nko, Onyankopɔn a ɔteɛ na ogye nkwa; obi nni baabi gye me nko. 22 Monnan mo ho mmra me nkyɛn na wonnye mo nkwa, mo asase ano nyinaa Na mene Nyankopɔn, na obi nni hɔ bio. 23 Maka me ho ntam, trenee ano mu na asɛm afi, na ɛrensan, sɛ: Me na nkotodwe nyinaa bɛkotow me, na tɛkrɛma nyinaa aka me ntam. 24 Wɔbɛka me ho asɛm sɛ, AWURADE mu nko na trenee ne ahoɔden wɔ; ne nkyɛn na wɔbɛba, na wɔn a wɔn bo ahuru no nyinaa ani bewu. 25 AWURADE mu na Israel asefo nyinaa bedi bem ahyehye wɔn ho. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana