Yesaia 44 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn honhom hwiegu 1 Na afei tie, m’akoa Yakob ne Israel a mapaw wo. 2 Sɛ AWURADE a ɔyɛɛ wo, na ɔnwenee wo fii yafunum na ɔboa wo no se ni: Nsuro, m’akoa Yakob, ne Yesurun a mapaw wo. 3 Na mehwie nsu magu nea osukɔm de no so, ne nsuwansuwa magu asase kesee so; mehwie me honhom magu w’asefo so, ne me nhyira magu wɔn a wofi wo mu so, 4 na wɔafefɛw sɛ sare a ɛwɔ nsu mu sɛ asukɔn so nnuaa, nsuten so. 5 Oyi bese sɛ: Meyɛ AWURADE dea, na oyi nso de Yakob din afrɛ ne ho; na oyi nso bɛkyerɛw ne nsa ho sɛ ɔyɛ AWURADE dea, na ɔde Israel din ato ne ho. Abosonsom yɛ nkwaseasɛm 6 Sɛ AWURADE, Israel hene, ne ne dimafo, asafo AWURADE se ni: Mene odikanfo na mene okyiridifo, na Onyankopɔn bi nni hɔ gye me nko. 7 Hena na ɔte sɛ me? Ma ɔnka ɛ! Ma ɔmpae mu nka, mfa nsi m’anim. Hena na ofi tete nteredee kyerɛɛ ɔman a mede mesi hɔ daa ne nneɛma a ɛbɛba no? Ma wɔnkyerɛ yɛn nea ɛbɛba no. 8 Mommma mo bo nntu, na munnsuro! Ɛno emfi tete bemee na mema wɔtee na mekae? Na mone m’adansefo. So Onyankopɔn bi wɔ hɔ sɛ me nko? Na ɔbotan bi nni hɔ; minnim obi. 9 Ahonidwumfo nyinaa yɛ ɔkwa, na nea wɔn ani gye ho no ho nni mfaso; wɔn ara adansefo nhu ade na wonnim ade, enti wɔn ani bewu. 10 Hena na ɔnwenee onyame bi na oguu ohoni bi a ɛho nni mfaso? 11 Hwɛ, ne mpamfo nyinaa ani bewu, na adwumfo no nso yɛ nnipa; ma wɔn nyinaa nhyia nnyina hɔ, wɔn ho mpopo, na wɔn ani nwu. 12 Ɔtomfo sew n’adwinnade yɛ ogya mu adwuma na ɔde asae bɔ, na ɔde ne basa a ahoɔden wom yɛ ɛho adwuma; odi kɔm nso a, ahoɔden nni hɔ bio, ɔnnom nsu a, ɔtɔ piti. 13 Duadwumfo yere hama mu, ɔde pɛnsere sensan ho, ɔde adwinnade yɛ, na ɔde kompase sensan ho, na ɔyɛ no ɔbarima sɛso, onipa ahoɔfɛ so, sɛ ɛntena ɔdan mu. 14 Obi kɔtow kyeneduru, anaa ɔpaw duabo anaa odum, wɔ kwae mu nnua mu ma enyin ma no; ɔtɛw osennuru, na osu ma enyin; 15 na ɛyɛ ogya ma onipa, ɔfa ebi to, ɔsɔ bi to abodoo; ebi po ɔde yɛ onyame sɔre no. Ɔde sen ohoni kotow no. 16 Ɔde gya hyew fa, na ɔfa nso so na odi nam, ɔkyew so nam di mee; ɔto nso, na ose: Wiɛ, me ho ayɛ me hyew, mahu ogya. 17 Na nkae no, ɔde yɛ onyame, ne honi. Ɔkotow no sɔre no bɔ no mpae, na ose: Gye me, me nyame ne wo! 18 Wonnim de, na wonni nhumu, na wasram wɔn ani so na wɔanhu ade, ne wɔn koma nso, na wɔante ase; 19 na obiara nnwen ho, na nimdeɛ bi nni hɔ, na nhumu bi nni hɔ na waka sɛ: Mahyew ɔfa ogya mu, na mato ne nsramma so abodoo, na makyew nam madi; na nkae no, memfa menyɛ akyide? Dua sin na menkotow no anaa? 20 Nso na odi: Wɔadaadaa ne koma ama wato kwan, na ontumi nnye ne kra, nso ɔnka sɛ: So ɛnyɛ atoro na ɛwɔ me nifa mu yi? Israel, mma wo werɛ mmfi me! 21 Kae eyinom, Yakob ne Israel, na m’akoa ne wo; me na menwenee wo, woyɛ m’akoa, Israel. Me werɛ remfi wo. 22 Mapopa wo mmarato sɛ omununkum, ne wo bɔne sɛ suwusiw. San bra me nkyɛn, na magye wo. 23 Ɔsoro, monto anigye dwom, na AWURADE na wayɛ; asase ase ase noho, mommɔ ose, mompaepae ahurusi dwom mu, mmepɔw, kwae ne emu nnua nyinaa. Na AWURADE agye Yakob, na wahyɛ ne ho anuonyam, Israel mu. Onyankopɔn nhyehyɛe no 24 Sɛnea AWURADE, wo dimafo ne nea ɔnwenee wo fii yafunu mu no se ni: Me, AWURADE, mene nea ɔyɛ ade nyinaa, nea ɔtwe ɔsoro mu no, me nko ara, nea ɔtrɛw asase mu no, na obi nka me ho; 25 nea ɔma adebisafo nsɛnkyerɛnne yɛ ɔkwa, na ɔma nkɔmhyɛfo bobɔ adam; nea ɔma anyansafo san nkyirinkyiri, na ɔdan wɔn nimdeɛ nkwaseasɛm; 26 nea ɔma n’akoa asɛm gyina, na ɔma n’abɔfo agyinatusɛm ba mu; nea ɔka Yerusalem ho sɛ: Nnipa ntena mu! Ne Yuda nkurow ho sɛ: Wɔnkyekye, na mɛma n’akurofo so agyinagyina. 27 Nea ɔka kyerɛ ebun sɛ: Yow, na mɛma wo nsuten ayoyow. 28 Nea ɔka Kores ho sɛ: Me guanhwɛfo ni, na ɔbɛma nea ɛsɔ m’ani nyinaa aba mu, na waka Yerusalem ho sɛ: Wɔnkyekye! Na asɔrefi nso: Wɔnhyɛ ase! |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana