Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 42 - KYERƐW KRONKRON


AWURADE akoa no

1 Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden ni, nea mapaw no a me kra ani sɔ no; mede me honhom magu no so; ɔde atemmu befi akɔ amanaman mu.

2 Ɔrenteɛm na ɔremma ne nne so, anaa ɔremma wɔnte ne nne abɔnten so;

3 demmire a ayɛ mmerɛw no, ɔremmu mu, na kanea mu asaawa a ɛrefi wusiw no, ɔrennum; nokware so na obeyi atemmu adi;

4 n’asɛm ano rennwo, na ɔrempa abaw de bɛkɔ akosi sɛ ɔde atemmu besi asase so, na mpoano aman bɛtwɛn ne mmara.

5 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni, nea ɔbɔɔ ɔsoro trɛw mu, na ɔterɛw asase ne ne mfifii mu, na ɔde ahome ma ɛso nkurɔfo, na ɔde honhom ma wɔn a wɔnam so no.

6 Me, AWURADE, mafrɛ wo trenee mu, na maso wo nsa, na makora wo, na mede wo mayɛ ɔman apam ne amanaman hann

7 sɛ: Bue aniwa a afura, yi apokyerɛfo fi afiase, ne wɔn a wɔtete sum mu fi nneduadan mu.

8 Mene AWURADE, me din ne no, na meremfa m’anuonyam mma obi, na m’ayeyi nso, meremfa mma ahoni.

9 Kan de no, hwɛ, aba mu, na nneɛma foforo na merekyerɛ, ennya mfii yi merema moate.


Nkwagye a ewie pɛyɛ

10 Monto dwom foforo mma AWURADE, mumfi asase ano nto n’ayeyi dwom. Mo a moforo ɛpo, ne nea ɛwom nyinaa, nsuano aman ne wɔn a wɔtete so.

11 Ma anweatam ne ɛso nkurow mma wɔn nne so, nkurowa a Kedar te so no; ma Sela mufo nto ahurusi dwom, womfi mmepɔw atifi mmɔ ahosɛpɛw se.

12 Ma wɔnhyɛ AWURADE anuonyam, na wɔnka n’ayeyi mpoano aman mu.

13 AWURADE befi adi sɛ dɔmmarima, ɔbɛhwanyan n’abufuw mu sɛ ɔkofoni; obehuro, ɔbɛbɔ ose; obedi n’atamfo so abaninsɛm.

14 Mifi muaa m’ano akyɛ, mayɛ komm, masianka me ho; afei mɛbom sɛ ɔwofo a ɔrekyem; mɛhome hahyeehahyee na magu ahome prɛko.

15 Mɛma mmepɔw ne nkoko atwintwam, na mama ɛso nhaban nyinaa agunguan; na madan nsubɔnten nsupɔw, na mayow atare nyinaa.

16 Na megya anifuraefo ɔkwan a wonnim mu so, mɛma wɔanantew atempɔn a wonnim so so. Mɛma sum ayɛ hann, wɔn anim, na nea ɛyɛ abonkyiabonkyi no, mɛyɛ no tamaa. Ade yi na mɛyɛ mama wɔn, na merennyaw wɔn.

17 Na wɔn a wɔn ho da abosom so no, wɔbɛsan wɔn akyi, na wɔn ani bewu; wɔn a wɔka kyerɛ ogu ahoni sɛ: Mone yɛn anyame, no.


Israel nte ase

18 Asotifo, muntie! Na anifuraefo, monhwɛ na munhu!

19 Hena ani na afura sɛ m’akoa, hena na n’aso asiw sɛ me bɔfo a mesoma no no? Hena ani na afura sɛ nea ɔwɔ m’asomdwoe apam mu, anaa hena na n’ani afura sɛ AWURADE akoa no?

20 Wahu nneɛma pii, nso ɔnhwɛ; wɔabue n’aso, nso ɔnte asɛm.


Israel asoɔden

21 AWURADE trenee nti na ɛsɔɔ n’ani sɛ ɔbɛma mmara no ayɛ kɛse na anya anuonyam.

22 Nanso wɔyɛ ɔman a wɔafow wɔn afom wɔn; wɔama wɔakɔka ntokuru mu, wɔde wɔn ahintaw nneduadan mu; wɔafow wɔn a ogyefo nni hɔ, wɔafom wɔn a nea ɔbɛka sɛ: Dan ma! Nni hɔ.

23 Mo mu hena na ɔbɛyɛ eyi ho aso, na wawɛn n’aso atie akyiri yi?

24 Hena na ɔde Yakob maa ɔfom, na ɔde Israel maa afowfo? So ɛnyɛ AWURADE a yɛayɛ no bɔne, na wɔampɛ sɛ wɔnantew n’akwan mu, na wɔantie ne mmara no?

25 Enti na ohwiee n’abufuhyew ne nnɔnkoe a ano yɛ den no guu no so, na ɔsɔɔ ne ho gya hyiae, nanso wanhu, na ɛhyew no, nanso wamfa ansie ne komam.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan