Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 41 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn hyɛ Israel bɔ

1 O Mpoano aman, monyɛ komm ntie me, na aman nhyɛ wɔn ho den foforo. Ma wɔmmra mmɛkasa, momma yɛmmom nhyia asennii ntie atemmu.

2 Hena na onyan nea ofi apuei no a trenee hyia no, baabiara a ɔnam no? Ɔde amanaman gu n’anim, na ɔde ahene hyɛ n’ase. N’afoa ma wɔyɛ sɛ otutuw, ne ta yɛ wɔn sɛ ntɛtɛwa a ɛbɔ gu.

3 Otiw wɔn na otwam sɔnn sɔnn, ɔkwan a ne nan nsii so da so.

4 Hena na ɔyɛe, na ɔma ɛbae, na ɔfrɛ awo ntoatoaso fi mfiase? Me AWURADE na midi kan, na akyikafo mu nso mene ɔno ara.

5 Mpoano aman hui, na wosuroe, asase awiei ho popoe. Wɔbɛnee na wɔbae.

6 Oyi boa ne yɔnko, na oyi ka kyerɛ ne nua sɛ: Hyɛ wo ho den!

7 Odwumfo hyɛ sikadwumfo den, nea ɔde asae toromtorom ho yɛ nea ɔbɔ atommo so saa ara, ɔka wɔ ɔsɔ no ho sɛ: Ayɛ yiye, na ɔde nnadewa bobɔ mu, na antu.


Onyankopɔn na ɔbɔ Israel ho ban

8 Na wo, m’akoa Israel, Yakob a mapaw no, me dɔfo Abraham asefo!

9 Wo a maso wo mu afi asase ano na mafrɛ wo afi n’ahye so aba, na maka makyerɛ wo sɛ: M’akoa ne wo, mapaw wo, na merentow wo menkyene!

10 Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma wo bo nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mɛhyɛ wo den, nso mɛboa wo, nso mede me trenee nifa mikura wo mu.

11 Hwɛ, wɔn a wɔn bo ahuru wo nyinaa ani bewu na wɔasopa, na nnipa a wɔne wo anya no bɛyɛ sɛ wɔnyɛ hwee, na wɔayera.

12 Wobɛhwehwɛ wɔn a wɔne wo ham no nanso worenhu wɔn; na wɔn a wɔne wo adi ako no bɛyɛ sɛ wɔnyɛ hwee, na wɔasa.

13 Na me, AWURADE wo Nyankopɔn, mikura wo nifa mu; me na mise wo sɛ: Nsuro, me ara mɛboa wo!

14 Nsuro, aboawa Yakob, ne mo Israel mma! Me ara mɛboa wo, AWURADE na ɔkae, na wo gyefo ne Israel kronkronni no.

15 Hwɛ, mede wo mɛyɛ ɔporow afiri nnamnam foforo anofanu, na woaporow mmepɔw ayam no dukuduku, na woayɛ nkoko sɛ ntɛtɛwa.

16 Wubehuw so na mframa asoa akɔ na ahum abɔ apete; na wo de, wubedi AWURADE mu ahurusi de Israel kronkronni no ahyehye wo ho.

17 Mmɔborɔfo ne ahiafo a wɔhwehwɛ nsu na ebi nni hɔ a osukɔm nti wɔn tɛkrɛma so awo no, me, AWURADE, megye wɔn so, me, Israel Nyankopɔn, merennyaw wɔn.

18 Metue mpampa peredee so nsuwansuwa ne abon mu nsuaniwa; mede sare so mɛyɛ ɔtare, na mede asase kesee mayɛ asuti;

19 mɛma sare so aba nkyeneduru, ɔkanto, ohuamma ne ngo nnua; mɛma ɔpopaw, asɛsɛ ne kwabɔhɔrɔ abom asisi sare so,

20 sɛ nnipa nhu nte ase mfa nsie koma mu na wonnwen ho prɛko sɛ: AWURADE nsa na ɛyɛɛ eyinom, na Israel kronkronni no na ɔbɔe.


AWURADE ne nkɔmhyɛ Nyankopɔn

21 Mommɛka mo nsɛm, AWURADE na ose, mommɛkyerɛ mo nsɛm ase, Yakob hene na ose.

22 Wɔmfa mmra mmɛkyerɛ yɛn nea ɛbɛba. Monkyerɛ yɛn kan nneɛma no, sɛ ɛte, na yennwen ho nhu n’awiei, anaa nea ɛbɛba no, momma yɛnte.

23 Monka yɛn nea ɛbɛba daakye no na yenhu sɛ anyame ne mo; yiw, monyɛ papa anaa bɔne, na yɛn ho nnwiriw yɛn na yensuro.

24 Hwɛ, monyɛ hwee, na mo nneyɛe yɛ adehuhuw; akyide ne nea ɔfa mo.

25 Mahwanyan obi afi atifi fam ma waba, awiapuebea na obefi abɔ me din; na ɔbɛba amradofo so sɛ anwemmo so, na ɔte sɛ ɔnwemfo a ɔwɔw dɔte.

26 Hena na ofi mfiase kae, na anka yenhu, anaasɛ waka ato hɔ, na yɛnka sɛ: Ɔyɛ ɔnokwafo!? Ampa, nea ɔkae nni hɔ nea ɔma wɔtee nni hɔ, nea ɔtee mo nsɛm nni hɔ.

27 Me na midii kan meka mekyerɛɛ Sion sɛ: Hwɛ, woni: Na Yerusalem na memaa no ɔsɛmpakafo.

28 Na mehwɛe, na obi nni hɔ, na wɔn mu nso, ɔfotufo bi nni hɔ a mibisa a, anka obebua me.

29 Hwɛ, wɔn nyinaa yɛ ɔkwa, wɔn nneyɛe nyɛ hwee; wɔn gu ahoni yɛ mframa ne ahuhude.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan