Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 40 - KYERƐW KRONKRON


AWURADE kyekye ne man werɛ

1 Monkyekye, monkyekye me man werɛ, mo Nyankopɔn na ose.

2 Monka abodwoesɛm nkyerɛ Yerusalem, na mommɔ no kaseɛ sɛ n’akode asa, sɛ wɔde ne mfomso akyɛ, sɛ ne bɔne nyinaa ho wanya AWURADE nsam mmɔho.

3 Obi nne teɛm sɛ: Mommɔ AWURADE kwan, sare so, monteɛ anwea pradada so tempɔn mma yɛn Nyankopɔn.

4 Wɔmmoma abon nyinaa so, na wɔmmrɛ mmepɔw ne nkoko nyinaa ase; na nea ɛyɛ afuafu nyɛ asasetaw, na abonkyiabonkyi nyɛ toromtorom.

5 Na AWURADE anuonyam beyi ne ho adi, na ɔhonam nyinaa abom ahu, efisɛ AWURADE ano na aka.

6 Ɛnne bi se: Teɛm! Na mise: Menteɛm dɛn? Ɔhonam nyinaa yɛ wura, na ne papa nyinaa te sɛ wuram nhwiren.

7 Wura guan, nhwiren twam, na AWURADE ahome huw fa so. Ampa, ɔman no yɛ wura.

8 Wura guan, nhwiren twam, na yɛn Nyankopɔn asɛm tim hɔ daa.

9 Foro kɔ bepɔw a ɛkorɔn so, O ɔsɛmpakafo Sion. Ma wo nne so ahoɔden so, O ɔsɛmpakafo Yerusalem. Ma so nsuro; ka kyerɛ Yuda nkurow sɛ: Hwɛ, mo Nyankopɔn ni.

10 Hwɛ, AWURADE Nyankopɔn de tumi reba, na ne basa bedi nim ama no; hwɛ, n’akatua ka no ho, na n’ananmuhyɛ di n’anim.

11 Ɔbɛyɛn ne nguankuw sɛ oguanhwɛfo, obeturu nguammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nguan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛoo.


Obiara ne AWURADE nsɛ

12 Hena na ɔde ne nsayam asusuw nsu, na ɔto ɔsoro nsaama, na ɔde susukora hyɛ asase so mfutuma, na ɔkari mmepɔw nsenia mu ne nkoko nsenia nkora mu?

13 Hena na ɔteɛ AWURADE honhom so, na ɔfotufo bɛn na ɔma ohu ade?

14 Ɔne hena na atu agyina, na wama wahu biribi, na wakyerɛ no atemmu kwan, na wakyerɛ no nimdeɛ, na wama wahu nhumu kwan?

15 Hwɛ, amanaman te sɛ bokiti ho nsukoko a ɛresosɔ, na wobu wɔn sɛ nsenia mu mfutumawa bi. Hwɛ, ɔmoma mmepɔw so sɛ mfutuma fekɔfekɔ.

16 Na Lebanon nso hyew, na ne mmoadoma nso ɔhyew afɔre.

17 Amanaman nyinaa nyɛ hwee n’anim; obu wɔn sɛ ade a ɛnyɛ hwee ne adehunu.

18 Na hena ho na mode Nyankopɔn bɛto, na suban bɛn na mode besusuw no?

19 Ohoni de, odwumfo na ogu, na sikadwumfo de sika dura ho, na ɔde dwetɛ ntweaban gugu ho;

20 nea ayɛyɛde abɔ no no paw dua a ɛmporɔw; ɔhwehwɛ odwumfo nyansafo fa, na wasen ohoni a ɛnkeka ne ho.

21 So munhui? So montee ɛ? So womfii mfiase nka nkyerɛɛ mo? So efi asase nnyinaso so, montee biribiara ase?

22 Ɔno na ɔte asase kontonkron so, na ɛsotefo te sɛ mmoadabi. Ɔno na ɔtrɛw soro mu sɛ twamtam, na ɔyere mu sɛ ntamadan a wɔtena mu.

23 Ɔno na ɔma abirempɔn yɛ sɛ wɔnyɛ hwee, ɔdan asase so akannifo sɛ ahuhude.

24 Wɔtɛw wɔn ara pɛ, woduaa wɔn ara pɛ, wɔn dua gyee asase mu ntini ara pɛ, na wahuw afa wɔn so ama wɔakisa na ahum asoa wɔn kɔ sɛ ntɛtɛwa.

25 Na ɛhena ho na mode me bɛto na me ne no asɛ? Ɔkronkronni no na ose.

26 Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro, na monhwɛ nea ɔbɔɔ eyinom. Ɔno na obu wɔn dɔm ano yi wɔn adi, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn; ne tumi dodow ne n’ahoɔden kɛse nti obiara nka akyiri.

27 Ɛdɛn nti na, Yakob, woka, na Israel, wokasa sɛ: Me kwan ahintaw AWURADE, na me Nyankopɔn abu n’ani agu m’atemmu so?

28 So wunhui? So wontee ɛ? AWURADE yɛ daa Nyankopɔn Ɔno na ɔbɔɔ asase awiei no. Ɔmmrɛ, na ɔmpa abaw; na ne nhumu mu nni ahwehwɛye.

29 Ɔno na ɔma nea wabrɛ otumi, na ɔma nea onni home ahoɔden dɔɔso.

30 Mmerante brɛ, na wɔpa abaw, na nkwankwaa hwehwe ase.

31 Na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no benya ahoɔden foforo, wɔde ntaban bɛforo sɛ akɔre, wobetu mmirika, na wɔremmrɛ, wɔbɛnantew, na wɔrempa abaw.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan