Yesaia 39 - KYERƐW KRONKRONHesekia ahokyerɛ ( 2 Ahene 20.12-19 ) 1 Ɛbere no mu no Babel hene Merodak-baladan a ɔyɛ Baladan ba somae ma wɔde nhoma ne ayɛyɛde brɛɛ Hesekia, efisɛ ɔtee sɛ ɔyaree na ne ho ayɛ no den. 2 Na Hesekia nyaa wɔn ho anigye, na ɔkyerɛɛ wɔn n’akoradedan, dwetɛ ne sika ne nnuhuam ne ngo pa ne n’akodedan nyinaa ne nea wohu n’akoradedan mu nyinaa; biribi nni ne fi ne nea odi so nyinaa mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn. 3 Ɛnna odiyifo Yesaia baa ɔhene Hesekia nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Nnipa yi se dɛn, na ɛhe na wofi baa wo nkyɛn yi? Na Hesekia se: Wofi akyirikyiri asase bi so na wɔbaa me nkyɛn, wofi Babel. 4 Na ɔkae sɛ: Dɛn na wɔahu wɔ wo fi? Na Hesekia se: Nea ɛwɔ me fi nyinaa, wɔahu, biribi nni m’adekora adan mu a mamfa mankyerɛ wɔn. 5 Ɛnna Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ: Tie asafo AWURADE asɛm: 6 Hwɛ, nna bi reba a wɔbɛsoa nea ɛwɔ wo fi nyinaa ne nea w’agyanom akora de abedu nnɛ yi akɔ Babel; biribiara renka, AWURADE na ose. 7 Na wo ankasa wo mma a wobɛwo wɔn no mu binom, wɔbɛfa wɔn na wɔakɔyɛ Babel hene aban mu mpiadifo. 8 Ɛnna Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: AWURADE asɛm a woaka no, eye. Efisɛ ose: Ɛnne na asomdwoe ne ɔmannwoe bɛba me bere so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana