Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 38 - KYERƐW KRONKRON


Hesekia yare ne n’aseda dwom
( 2 Ahene 20.1-11 ; 2 Berɛsosɛm 32.24-26 )

1 Ɛbere no mu no, Hesekia yaree owuyare, na Amos ba odiyifo Yesaia baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hyɛ wo fi samansew, na worebewu, na worennya nkwa.

2 Ɛnna Hesekia dan n’ani kyerɛɛ ɔfasu, na ɔbɔɔ AWURADE mpae sɛ:

3 Ao, AWURADE, kae sɛnea manantew w’anim nokware mu ne koma a ɛyɛ pɛ mu, na mayɛ nea eye w’ani so. Na Hesekia suu osu kɛse.

4 Ɛnna AWURADE asɛm baa Yesaia nkyɛn sɛ:

5 Kɔ na kɔka kyerɛ Hesekia sɛ: Sɛ AWURADE, w’agya Dawid Nyankopɔn, se ni: Mate wo mpaebɔ, mahu wo nusu, hwɛ, mede mfe dunum mɛto wo nna so,

6 na megye wo ne kurow yi afi Asaria hene nsam, na mabɔ kurow yi ho ban.

7 Na eyi nyɛ wo AWURADE nsam sɛnkyerɛnne, sɛ AWURADE bɛyɛ ade a waka no:

8 Hwɛ, merebɛsan owia dɔn so sunsuma a owia ma esianee Ahas owia dɔn so no mama akɔ akyiri nkyekyɛmu du. Na owia san n’akyi owia dɔn no so nkyekyem du a asian dedaw no.

9 Nsɛm a Yuda hene Hesekia, a ɔyaree na onyaa ne yare mu nkwa no kyerɛwee ni:

10 Me de, mekae sɛ: Me nna mfinimfini na merekɔ asaman abobow ano, wɔregye me nsam me mfe nkae.

11 Mise: Merenhu AWURADE bio, wɔ ateasefo asase so; merenhu nnipa bio, wɔn a wɔte asaman no mu.

12 Wɔayi me tenabea ma atu afi me ho kɔ sɛ oguanhwɛfo ntamadan, mabobɔw me nkwa sɛ ɔtamanwemfo; worebetwa me afi asadua no mu: Worewie me da koro adesae.

13 Midwudwoo me ho mikosii anɔpa, obubuu me nnompe nyinaa sɛ gyata: Worewie me da koro adesae.

14 Misii apini sɛ asomfena, sɛ asukɔnkɔn, midii nkɔmmɔ sɛ aborɔnoma; m’aniwa yɛɛ siamoo hwɛɛ ɔsoro sɛ: Awurade, me ho kyere me, di ma me!

15 Dɛn na menka? Wakasa akyerɛ me na wayɛ. M’ani asare dwe, me kra awerɛhow no nti.

16 O Awurade, ɛno so na nnipa nam tena ase, na ɛno nkutoo mu na me honhom nkwa wɔ: Ɛnne na ma me ho nsan, na ma minnya nkwa.

17 Hwɛ, sɛ na m’asomdwoe nti, na wo na woayi me kra afi ɔsɛe amoa mu de afam wo ho, efisɛ wotow me bɔne nyinaa guu w’akyi.

18 Na ɛnyɛ asaman na ɛda wo ase, ɛnyɛ owu na eyi wo ayɛ. Wɔn a wosian kɔ amoa mu no ntwɛn wo nokware;

19 Ɔteasefo, ɔteasefo na ɔda wo ase, sɛ meyɛ nnɛ yi; agya ma ne mma hu wo nokware.

20 AWURADE begye me nkwa, na yɛbɛbɔ sanku yɛn nkwa nna nyinaa, wɔ AWURADE fi.

21 Afei Yesaia kae sɛ wɔmfa borɔdɔma tɔw ntare pɔmpɔ no so, na obenya ahoɔden.

22 Na Hesekia nso kae sɛ: Dɛn ne sɛnkyerɛnne sɛ mɛkɔ AWURADE fi?

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan