Yesaia 37 - KYERƐW KRONKRONSanaherib nkogu 1 Na ɔhene Hesekia tee no, osunsuanee ne ntade mu, na ofuraa atweatam, na osiim kɔɔ AWURADE fi. 2 Na ɔsomaa Eliakim a odi ofi no so no ne ɔkyerɛwfo Sebna ne asɔfo no mu mpanyin a wofurafura ayitam kɔɔ Amos ba odiyifo Yesaia nkyɛn, 3 na wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Hesekia se ni: Ahohia ne asotwe ne abususɛm da ne nnɛ, na mma adu awotwaa ano, na ahoɔden nni hɔ a wɔde bɛwo wɔn. 4 Ebia AWURADE wo Nyankopɔn bɛte Rabsake a ne wura Asaria hene asoma no sɛ ɔmmɛsopa Onyankopɔn teasefo no nsɛm no, na nsɛm a AWURADE wo Nyankopɔn ate no nti, watwe n’aso; enti ma wo mpaebɔ so ma nkae a wɔwɔ hɔ no. 5 Na ɔhene Hesekia nkoa no baa Yesaia nkyɛn, 6 na Yesaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ monka nkyerɛ mo wura ni: Sɛ AWURADE se ni: Nsuro nsɛm a wotee a Asaria hene nkoa de abɛyaw me no. 7 Hwɛ, me na mede honhom bi mɛhyɛ ne mu, na wate asɛm bi, na wasan akɔ n’asase so, na mama watɔ nkrante ano, n’asase so. 8 Na Rabsake sanee, na ɔkɔtoo Asaria hene sɛ ɔne Libna reko, na wate sɛ watu afi Lakis. 9 Na ɔtee Etiopia hene Tirhaka nka sɛ: Watu ne wo rebɛko. Na ɔtee no, ɔsomaa abɔfo baa Hesekia nkyɛn sɛ: 10 Sɛ monkɔka nkyerɛ Yuda hene Hesekia ni: Mma wo Nyankopɔn a wode wo ho to no so no nnnyigye wo sɛ: Wɔremfa Yerusalem nhyɛ Asaria hene nsa. 11 Hwɛ, wo ara woate nea Asaria ahene ayeyɛ nsaase nyinaa asɛe no pasaa no, na wo na wobeyi wo anaa? 12 So amanaman a m’agyanom asɛe wɔn no anyame no gyee wɔn? Gosan ne Haran ne Resef ne Edenfo a wɔwɔ Telasar no? 13 Ɛhe na Hamat hene ne Arpad hene ne Sefarwaim kurow ne Hena ne Iwa hene no wɔ? 14 Na Hesekia gyee nhoma no abɔfo no nsam, na ɔkenkanee; na ɔforo kɔɔ AWURADE fi; na Hesekia trɛw mu, AWURADE anim. 15 Na Hesekia bɔɔ AWURADE mpae sɛ: 16 Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn a wote Kerubim so, wo nko ne Nyankopɔn, asase so ahenni nyinaa so; wo na woyɛɛ ɔsoro ne asase. 17 Brɛ w’aso ase, AWURADE, na tie! Bue w’aniwa, AWURADE, na hwɛ! Na tie Senakerib nsɛm a wasoma de abɛsopa Onyankopɔn teasefo no nyinaa! 18 Ɛwom, AWURADE, Asaria ahene asɛe aman no nyinaa ne wɔn nsaase, 19 na wɔatotow wɔn anyame agu gya mu, efisɛ wɔnyɛ anyame, na ɛyɛ onipa nsa ano adwuma, dua ne ɔbo nko, na wɔasɛe wɔn. 20 Na afei, AWURADE, yɛn Nyankopɔn, gye yɛn fi ne nsam, na asase so ahenni nyinaa nhu sɛ wone AWURADE, wo nkutoo korɛ. 21 Ɛnna Amos ba Yesaia soma kɔɔ Hesekia nkyɛn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni: Nea wobɔɔ me ɛho mpae, Asaria hene Senakerib ho no, 22 eyi ne asɛm a AWURADE aka ne ho: Ɔbaabun Sion babea no bu wo animtiaa yi wo ahii, w’akyi na Yerusalem babea rewosow ne ti. 23 Hena na woasopa no na woayaw no? Na hena so na woama wo nne so na woama w’ani atra wo ntɔn yi? Wode ahyɛ Israel kronkronni no. 24 Wonam wo nkoa so asopa AWURADE aka sɛ: Mede me nteaseɛnam dodow maforo makɔ mmepɔw atifi, Lebanon mu noho tɔnn; na metwitwa ne nkyeneduru atenten ne ɔpopaw a ɛyɛ fɛ no agu, na makɔ makodu ne mmepɔw a ɛwɔ akyirikyiri no so, ne ne kwaebirentuw mu. 25 Me na matutu mmura manom mu nsu, na mede me nammɔn mu mayow Misraim nsubɔnten nyinaa. 26 So wontee sɛ mehyɛ metoo hɔ akyɛ, tete mmere mu na mehyehyɛɛ no saa? Afei na mama aba mu, sɛ ma nkurow a afasu atwa ho ahyia nnanan akurofo akuwakuw, 27 na emufo a wɔagurow no ho adwiriw wɔn na wɔn ani awu, na wɔadannan sɛ mfuwa so ahaban ne wura momono, adan atifi wura ne awi a ennya mmaa ne ho so na aguan. 28 Na minim w’asetena ne wo kɔree ne bae ne wo dam a wobɔ me so no. 29 Esiane sɛ wobɔ me so dam na wo dwaebɔ aforo abedu m’asom nti, mede me kaa mɛhyɛ wo hwenem na mede me manniamfrɛ mato w’anom, na masan wo afa ɔkwan a wonam so bae no so akɔ. 30 Na eyi nyɛ wo sɛnkyerɛnne: Afe yi mu, munni ntwakae a efifii, na afe a ɛto so abien no mu moadi nea ebefifi akyiri aba no, na afe a ɛto so abiɛsa mu no, mungu na muntwa, na montɛw bobe nturo, na munni mu aba. 31 Na Yuda fi mu nkae a wɔafi mu afi no, wobegye ntini bio, na wɔasow aba; 32 na Yerusalem na nkae bi befi, na wɔn a wɔafi mu no afi Sion bepɔw so, asafo AWURADE ninkuntwe na ɛbɛyɛ eyi. 33 Enti sɛ AWURADE ka Asaria hene ho ni: Ɔremma kurow yi mu, na ɔrentow agyan mma ha, na ɔremfa ɔkyɛm mmehyia no, na ɔrenhɔre pempe nhyɛ no. 34 Ɔkwan a ɔnam so bae no so na ɔnam bɛsan akɔ, na kurow yi de, ɔrenhyɛn mu, AWURADE na ose. 35 Na mɛwaw kurow yi ani magye no, me ara ne m’akoa Dawid ntia. 36 Ɛnna AWURADE bɔfo fi kokum Asaria nsra mu nnipa ɔpeha aduɔwɔtwe anum; na wɔsɔree anɔpa no, na hwɛ, wɔn nyinaa yɛ afunu. 37 Na Asaria hene Senakerib tu siim sanee, na ɔkɔtenaa Niniwe. 38 Na ɔresɔre wɔ ne nyame Nisrok fi no, ne mma Adramelek ne Sareser de nkrante kum no, na wofii mu guan kɔɔ Ararat asase so; na ne ba Esar-hadon sii n’ananmu dii hene. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana