Yesaia 35 - KYERƐW KRONKRONƆman no sanba 1 Num so ne nkyerekyerewa benya anika, na anwea pradada adi ahurusi, na ahan sɛ nhwiren; 2 nhwiren ara na ebegu, ahosɛpɛw ne osebɔ mu ara na ebedi ahurusi; wɔde Lebanon anuonyam, Karmel ne Saron ahyehyɛde, bɛma no; wobehu AWURADE anuonyam, yɛn Nyankopɔn ahyehyɛde no. 3 Monhyɛ nsa a ayɛ bɛtɛɛ den, mummia anankoroma a agow mu; 4 monka nkyerɛ wɔn a wɔn koma atu sɛ: Monhyɛ mo ho den, munnsuro, hwɛ, mo Nyankopɔn ni! Aweredi, Onyankopɔn ananmuhyɛ na ɛreba. Ɔno na ɔreba abegye mo nkwa! 5 Ɛno na anifuraefo aniwa bebue, na asotifo aso abue; 6 ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato ahurusi dwom, na nsu betue sare so, na nsuwansuwa asen anwea pradada so; 7 na kumaforote bɛdan atare, na asase kesee ayɛ nsuwansuwa; sakraman tenabea a wobutuwii no, wura befifi ayɛ sɛ demmire ne nkyɛkyerɛ. 8 Na ɔtempɔn ne ɔkwan bɛda hɔ, na wɔbɛfrɛ no ɔkwan kronkron; nea ne ho ntew remfa so, na Onyame nkurɔfo na wɔde bɛma wɔn; ɔkwantuni biara, nkwaseafo mpo remfom kwan wɔ mu. 9 Gyata biara remma hɔ, na anworanworaboa bi rensi so; wɔrenhu bi wɔ hɔ, wɔn a wɔagye wɔn na wɔbɛfa so. 10 Wɔn a AWURADE apon wɔn no bɛsan aba, na wɔde dwom aba Sion; na daa anigye bɛtena wɔn atifi, ahosɛpɛw ne anigye bɛka wɔn nsa, na awerɛhow ne apinisi aguan. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana