Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 34 - KYERƐW KRONKRON


Atamfo nyinaa ho atemmusɛm

1 O, Amanaman, muntwiw mmɛn mmetie, na mo nkurɔfo, monwɛn mo aso. Asase ne ne mayɛ ntie, ne wiase ne nea efi mu ba nyinaa.

2 Na AWURADE abohuru bɛba amanaman nyinaa so, na abufuhyew aba wɔn dɔm nyinaa so, wadome wɔn de wɔn ama okum.

3 Na wɔn atɔfo no, wɔbɛtow wɔn agu, na wɔn afunu ayi hua kankan, na wɔn mogya ahono mmepɔw.

4 Na ɔsoro asafo nyinaa bɛporɔw, na wɔabobɔw ɔsoro sɛ nhoma, na n’asafo nyinaa apo, sɛ obobe so ahaban po, anaasɛ borɔdɔma so de po no.

5 Na m’afoa anom amee, ɔsoro; hwɛ, esian ba Edom so, ɛba me nnome man no so abebu atɛn.

6 Mogya ara nko adue AWURADE afoa, srade aforɔw ho, nguammaa ne mpapo mogya, adwennini asaabo ho srade; na AWURADE wɔ okum afɔre, wɔ Bosra, ne okunkɛse, Edom asase so.

7 Na nantwi a n’ani abere ne wɔn bɛbom ahwehwe fam, ɛne anantwi ne anantwinini akɛse, na wɔn asase bɛbow mogya, na srade ayɛ wɔn dɔte sɔɔsɔɔ.

8 Na AWURADE wɔ aweredi da ne ananmuhyɛ afe a obedi ama Sion.

9 Na Edom nsuwansuwa bɛdan amane, na ne dɔte nso adan sufre, na n’asase no ayɛ amane a ɛdɛw;

10 ɛrennum anadwo ne awia, ne wusiw bepun akosi daa, na ayɛ amamfo, awo ntoatoaso nyinaa mu, na obiara remfa hɔ bio koraa;

11 na pokupoku ne apɛsɛe na wɔbɛfa, na patu ne kwaakwaadabi atena hɔ; na ɔbɛsa so sakasakayɛ hama, na amamfoyɛ sumpii bo asɛn so.

12 Na wɔbɛfrɛ hɔ sɛ: Ahenni Bi Nni Hɔ, na n’asafohene nyinaa bɛyera.

13 Nsɔe befuw n’aban afɛfɛ mu, na ahyehyensa ne nkraadua afuw n’abandennen mu, na ayɛ sakraman tenabea ne nsohori adidibea.

14 Na sare so mmoa ne nkuntumpaa behyia hɔ, na sasabonsam asu afrɛfrɛ wɔn ho wɔn ho; ɛhɔ nso na anadwoboa bɛtena, na wɔanya ɔhomebea.

15 Ɛhɔ na ɔpatu bɛyɛ ne buw, na watow abutuw so asow, na waboaboa ne mma ano wɔ ne nwini mu, na apete nso aboaboa wɔn ho ano wɔ hɔ obiara ne ne sɛso.

16 Monhwehwɛ AWURADE nhoma no mu nkan: Nneɛma no mu biako pɛ mpo renyera, ebiara sɛso remmɔ no, na AWURADE ano na ahyɛ, na ne honhom na aboa ano.

17 Na ɔno na watwe ntonto de ama wɔn, na ne nsa de susuhama akyɛ ama wɔn, sɛ wonni so nkosi daa, na wɔntena so, awo ntoatoaso nyinaa mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan