Yesaia 33 - KYERƐW KRONKRONAdesrɛ ho mpaebɔ 1 Due, ɔsɛefo a wo de, wɔnsɛee wo ɛ, wo ɔfatwafo a wɔmfaa wo ntwae ɛ! Sɛ wuwie ɔsɛe no a, wɔbɛsɛe wo na sɛ wunya wie ɔfatwa a, wɔde wo betwa so. 2 O, AWURADE, dom yɛn, wo na yɛtwɛn wo. Yɛ yɛn basa daa adekyee, ne yɛn nkwagye, ahohia bere mu. 3 Hooyɛ no ano na aman guanguan, wo ho soma ano na amanaman pete. 4 Na wɔtase asade sɛ ntuntummɛ tase ade, sɛnea mmoadabi huruhuruw no, saa ara na wohuruhuruw wɔ so. 5 Wɔama AWURADE so, na ɔte soro tɔnn; ɔde atemmu ne trenee ahyɛ Sion ma. 6 Na ɔmannwoe, nkwagye, nyansa ne nimdeɛ mmoroso bɛba wo bere so; AWURADE suro ne n’ademude. 7 Hwɛ, wɔn abran reteɛm mmorɔn so, asomdwoe bɔfo resu osu yawyaw; 8 Akwantempɔn ada mpan, akwantemfo agyaa mu twa; wabu apam no so, wabu nkurow animtiaa, ommu ɔdasani bi. 9 Asase redi nkɔmmɔ, akisa; Lebanon ani awu, na aguan koraa; Saron adan anweatam, Basan ne Karmel so nhaban apo. 10 AWURADE se: Afei mɛsɔre, afei mɛma me ho so, afei wɔbɛma me so. 11 Modwene ade huhuw, na mo nsusuwii yɛ ɔkwa; mo ahome yɛ ogya a ɛbɛhyew mo. 12 Na aman bɛyɛ akado a wɔahyew, nkraadua a wɔatwa a wɔde gya sɔ ano. Asomdwoe a ɛbɛba no 13 Mo a mowɔ akyirikyiri, muntie nea mayɛ, na mo a mobɛn, munhu me mmaninyɛ. 14 Sion mu nnebɔneyɛfo ho popo, na ehu aka ahuhufo: Yɛn mu hena na ɔbɛtena ogya a ɛhyew ade ho? Yɛn mu hena na ɔbɛtena daa hyew mu? 15 Nea ɔnam trenee mu na ɔka nea ɛteɛ, nea okyi apempensika, nea ɔtwe ne nsa na anso anadwode mu, nea osisiw n’aso na ante mogya ho asɛm, na omua n’aniwa na anhu bɔne, 16 ɔno na ɔbɛtena sorɔnsorɔmmea, abotan aban bɛyɛ no guankɔbea, wɔde n’aduan bɛma no, ne nsu remmɔ no da. 17 W’aniwa behu ɔhene n’ahoɔfɛ mu, ebehu asase a ɛtrɛw haharaa. 18 Wo koma bedwen ahude no ho: Ɔkanfo no wɔ he? Ɔkarifo no wɔ he? Nea ɔkan abantenten no wɔ he? 19 Worenhu anuɔdenfo, ɔman a wɔn kasa mu dɔ a wɔnte, na wɔpɔtɔ a wɔnte ase no. 20 Hwɛ Sion, yɛn afahyɛ kurow no, w’aniwa behu Yerusalem, ofi a ɛyɛ komm, ntamadan a entwiw nkɔ a wɔrentutu ne mmofunnua da biara da na ne ntampehama biara rentetew no. 21 Na mmom AWURADE bɛtena hɔ ama yɛn, tumidi mu, kurow a ɛho wɔ asu akɛse ne nsuwansuwa; atabon ahyɛmma biara renkɔ mu, na ahyɛn akɛse rentwam wɔ hɔ. 22 Na AWURADE ne yɛn temmufo, AWURADE ne yɛn hene ɔno na obegye yɛn nkwa. 23 Wo ntampehama mu agow, entumi nsuso ne hyɛn dua mu, na ɛntrɛw hyɛn ntama mu. Ɛno na wɔbɛkyɛ asade a wɔafa no bebree mu, mpakye po bɛfow ade. 24 Na ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow! Ɔman a wɔte mu no, wɔde wɔn amumɔyɛ befiri wɔn. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana