Yesaia 32 - KYERƐW KRONKRONƆman no ahotɔ 1 Hwɛ, trenee so na ɔhene bi bedi hene, na asafohene nso, atemmu so na wobedi asafohene. 2 Na wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea, sɛ nkyerekyerewa so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛse onwini. 3 Na wɔremfura adehufo aniwa, na wɔn a wɔte asɛm aso bɛwɛn; 4 na adwenharefo a ɛpere asɛm ho benya nhumu na dodowpofo tɛkrɛma akasa turodoo a emu tew. 5 Wɔremfrɛ ogyennyentwi sɛ bapɔmma bio, na wɔrenka sɛ ɔdaadaafo yɛ ɔdɛɛfo. 6 Na ogyennyentwi ka agyennyentwisɛm na ne koma dwen amumɔyɛsɛm, sɛ obedi ahuhusɛm na waka AWURADE ho asɛm a ɛnteɛ, sɛ ɔbɛma nea odi kɔm kra ada mpan, na wama anonne abɔ nea odi sukɔm. 7 Na ɔdaadaafo akwan yɛ bɔne, ɔbɔ ne tirim pɔw bɔne, sɛ ɔde atosɛm bɛsɛe mmɔboroni ne ohiani a ɔka nokware. 8 Na ɔdɛɛfo dwen ayamye, na ayamye ara na ɔde gyina. Mmea no adwotwa 9 Mo mmea a mote hɔ dwoodwoo no, monsɔre ntie me! Mmabea a mo ho dwo mo, monyɛ aso mma m’asɛm. 10 Afe ne akyi nna bi mu no, mo a mo ho dwo mo no ho bɛpopo, na bobe abatew to betwa, nnuaba anoboa remma bio. 11 Mo mmabaa a mote hɔ dwoodwoo no, mo ho mpopo, mo a mo ho dwo mo, mo ho mpopo! Mompa mo ho, monyeyɛ kwaterekwa, momfa atweaatam mmobɔ mo asen. 12 Mommobɔ mo koko, mfuw afɛfɛ no nti, bobe nnua a ɛsow pii no ntia. 13 Nsɔe ne nguare fuw me man asase no so, anigye kurow no mu anigye adan nyinaa so po. 14 Na aban fɛfɛ no bɛda ntuw, wobegyaw kurow a nnipa dɔɔsɔ wɔ mu, ne koko ne ɔwɛn aban bɛdan atu de akosi daa, sare so mfurum anika ne mmoakuw adidibea. 15 Ɛde rekosi sɛ wobefi soro ahwie honhom no agu yɛn so, na sare so adan asasebere a ɛma nnɔbae, na wɔabu asasebere a ɛma nnɔbae sɛ kwae; 16 na atemmu bɛtena sare so, na trenee nso atena asasebere a ɛma nnɔbae no mu; 17 na trenee no nneyɛe bɛyɛ asomdwoe, na trenee no aba ayɛ komm ne ahotoso akosi daa; 18 na me man bɛtena asomdwoe fi, ne ahotɔ tenabea, ne kommyɛ homebea. 19 Na amparuwbo begu da a kwae no bɛhwe fam no, na wɔbɛbrɛ kurow no ase korakora. 20 Nhyira ne mo a mugu aba, asu nyinaa ho, na moma nantwi ne afurum nantew kwa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana