Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 31 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn bɛbɔ Yerusalem ho ban

1 Wonnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa, na wɔn ani da apɔnkɔ so, na wɔde wɔn ho to nteaseɛnam so sɛ ɛdɔɔso, ne apɔnkɔsotefo so, sɛ wɔn ho yɛ den pii nti, na wɔn ani nna Israel kronkronni no so, na AWURADE akyi kwan nso, wɔnhwehwɛ.

2 Nanso ɔyɛ onyansafo, na ɔde bɔne ba; ne nsɛm nso, ɔrensan, na ɔbɛsɔre ahyɛ abɔnefo fi ne wɔn a wɔboa amumɔyɛfo no.

3 Na Misraim yɛ onipa, na ɛnyɛ Onyankopɔn, na wɔn apɔnkɔ nso yɛ honam, na wɔnyɛ honhom. Na AWURADE teɛ ne nsa a, na ɔboafo awatiri, na nea wɔaboa no no ahwe ase, na wɔn baanu nyinaa abom asɛe.

4 Na sɛ AWURADE aka akyerɛ me ni: Sɛnea gyata bobom na gyataforo su ne hanam so, na wɔfrɛ mmoahwɛfo pii ara ba no so mpo a, wɔn nne mma ɔmmɔ piriw, na wɔn hooyɛ mma ɔmmrɛ ne ho ase no, saa ara na asafo AWURADE beduru sɛ ɔrebedi ako wɔ Sion bepɔw ne ne koko so.

5 Sɛnea nnomaa a wotu yɛ no, saa ara na asafo AWURADE bɛbɔ Yerusalem ho ban, ɔbɛbɔ ho ban agye no nkwa, obetwa ho na wakyɛe so.

6 Monsan mmra nea Israel mma wae fii ne ho no nkyɛn.

7 Ɛda no wɔn nyinaa bɛtotow wɔn dwetɛ ne sika abosonhuhuw a mo nsa ayɛ ma mode ayɛ bɔne no agu.

8 Na Asaria bɛtɔ afoa a ɛnyɛ onipa de ano, na afoa a ɛnyɛ onipa de bɛsɛe no; na ɔbɛbɔ ne ho aguaa, afoa anim, na wɔde ne mmerante ayi tow.

9 Na ne botan de ehu bɛsen akɔ, na n’asafohene de ahopopo afi frankaa no ho, AWURADE a ne gya wɔ Sion, na ne fononoo wɔ Yerusalem no na ose.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan