Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 30 - KYERƐW KRONKRON


Mommfa mo ho nnto Misraim so

1 Wonnue, mma atuatewfo, AWURADE na ose, wɔn a wodi agyinatusɛm so, na emfi me, na wɔyɛ nkabom bi, na ɛnyɛ me honhom so sɛ wɔde bɔne bɛka bɔne ho no.

2 Wosim kɔ Misraim a wɔammisa m’anom asɛm, sɛ wokotweri Farao ahoɔden, na wɔakɔdɔ Misraim nwini.

3 Ne saa nti Farao ahoɔden bɛdan mo aniwu, na Misraim nwini mu guankɔ ayɛ mo ahohora.

4 Na Yuda asafohene wɔ Soan, na wɔn abɔfo adu Hanes;

5 wɔn nyinaa ani bewu ɔman a wɔn ho remma wɔn mfaso. Wɔrenyɛ wɔn ɔboa anaa mfaso bi, na mmom aniwu ne ahohora.

6 Anafo fam mmoa ho atemmusɛm. Wɔfa ahohia ne ahokyere asase so, nea gyatabere ne gyatanini wɔ no, nea ahurutoa ne ɔwɔ a otu wɔ no, wɔde wɔn nneɛma agugu mfurum akyi, ne wɔn akorade nso yoma akyi apɔw so, wɔde rekɔ ɔman a wɔn ho remma wɔn mfaso bi no nkyɛn.

7 Efisɛ Misraim boa yɛ adehuhuw ne adehunu, enti na mafrɛ no Rahab a ase ne: Hooyɛfo, a wɔte hɔ dinn.


Mma asoɔdenfo no

8 Afei kɔ na kyerɛw gu ɔpon bi so ma wɔn, na kurukyerɛw hyɛ nhoma mu, na ɛntena hɔ nkosi daa daa, na ɛnyɛ adansedi afebɔɔ

9 Na wɔyɛ atuatew man, mma atorofo, mma a wɔmpɛ sɛ wotie AWURADE mmara.

10 Wɔka kyerɛ adehufo sɛ: Munnhu ade! Na wɔka kyerɛ adiyifo nso sɛ: Monnhyɛ yɛn nea ɛteɛ ho nkɔm! Monka adɛfɛdɛfɛsɛm nkyerɛ yɛn, na monhyɛ nnaadaasɛm ho nkɔm!

11 Momman mfi ɔkwan no so, monkwae ɔtempɔn no, momma Israel kronkronni no nyera yɛn ani so.

12 Enti, sɛ Israel kronkronni no ka ni: Esiane sɛ asɛm yi afono mo na mo ani da ɔhyɛ ne nkontompo so na mode mo ho to so nti,

13 amumɔyɛ yi bɛdan mo sɛ mpaepae wɔ ɔfasu a ɛkorɔn na akurum na ɛreyɛ ahwe ase mu, na ne bu ba mpofirim, afrɛso.

14 Na ɔbɛbɔ ɔman no sɛ ɔnwemfo ahina a wɔdwerɛw no dwerɛbee a ebi nka, na wonnya n’asinasin mu fɛre a wɔde betu muka mu gya anaasɛ wɔde bɛsaw abura mu nsu.

15 Na sɛ AWURADE, Israel kronkronni no se ni: Sanba ne brɛooyɛ mu na wobegye mo nkwa, kommyɛ ne anidaso mu na mo mmaninyɛ bɛtena, nanso moampene;

16 na mokae sɛ: Daabi, na apɔnkɔ so na yɛbɛtena aguan. Enti aguan na mubeguan! Na mmoa ahoɔharefo so na yɛbɛtena akɔ. Enti wɔn a wotiw mo no ho bɛyɛ hare!

17 Nnipa apem prɛko beguan obiakofo huyi ano; nnipa baanum huyi ano na mubeguan akosi sɛ mobɛka sɛ frankaa dua a esi bepɔw atifi, sɛnkyerɛnne a esi koko so.


Yerusalem daakye ahotɔ

18 Na enti AWURADE twɛn ansa na wadom mo, na ɛno nti na ɔma ne ho so ansa na wahu mo mmɔbɔ, na atemmu Nyankopɔn ne AWURADE, nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa.

19 Na ɔman no bɛtena Sion, wɔ Yerusalem; na worensu bio; ɔdom na ɔbɛdom wo atie wo nteɛm no; ɔte ara pɛ a, obegye wo so.

20 Na ɛwom sɛ Awurade bɛma mo ahohia mu aduan ne ahoguan mu nsu de, nanso w’akyerɛkyerɛfo remfa wɔn ho nhintaw bio, na mmom w’aniwa behu w’akyerɛkyerɛfo no;

21 na w’aso nso bɛte w’akyi asɛm bi sɛ: Eyi ne kwan, sɛ mofa nifa oo, mofa benkum oo, monnantew so.

22 Na mubegu wo dwetɛ ahoni nnuraho ne wo sika agude nkataho no ho fi; wobɛtow agu sɛ asabutam, wobɛka akyerɛ no sɛ: Fi hɔ!

23 Na ɔbɛma osu agu w’aba a woagu ɛfam ne asase nnɔbae aduan so, na ayɛ aduan pa sɔɔsɔɔ. Wo mmoakuw bedidi da no, adidibea a ɛtrɛw so;

24 na anantwi ne mfurum mma a wɔyɛ mfuw mu adwuma no bedi afrafraduan pa a wɔde sɔnwee ne apaawa ahuw so.

25 Na mmepɔw asorɔnsorɔn ne nkoko a ɛkorɔn nyinaa so no, asuasu ne nsubɔnten bɛsen hɔ, okunkɛse da a aban atenten bɛhwehwe ase no.

26 Na ɔsram hann bɛyɛ sɛ owia hann, na owia hann bɛyɛ mmɔho asɔn, sɛ nnansɔn hann, ɛda a AWURADE bɛkyekyere ne man bubu na wasa ne hwe ano akuru no.


Atamfo no sɛe

27 Hwɛ, AWURADE din fi akyirikyiri reba, n’abufuw redɛw wɔ owusiw kumɔnn mu, abohuru ayɛ n’anom ma, na ne tɛkrɛma te sɛ ogya a ɛhyew ade.

28 Na n’ahome te sɛ asu a eyiri bedu kɔn mu, na ɔde hunuyɛ sɔnee ason amanaman so, na ɔde ntwɛtwɛdɛwɔ nnareka ato aman anom.

29 Mobɛto dwom sɛ afahyɛ kronkron anadwo no, na mo bo bɛtɔ mo yam sɛ wɔn a wɔde atɛntɛbɛn nnwom rekɔ AWURADE bepɔw so, Israel botan no nkyɛn.

30 Na AWURADE bɛma wɔate ne nne kɛseyɛ, na wama wɔahu ne nsa a ɛresian, abufuw ahomegu ne adehyew gyaframa, osu babababa ne osu yɔɔ ne amparuwbo mu.

31 Na AWURADE nne nti Asaria ho bɛpopo, ɔde abaa bɛhwe no,

32 na hyɛbea abaa a AWURADE bɛma asi no so no bɛka no, mpintin ne asanku ano, na nsa wosow na ɔde ne no bɛko.

33 Wofi teteete na asiesie akyide hyewbea no; ɔhene no na wɔasiesie ama no, emu dɔ, ɛtrɛw, ne ntannaa wɔ ogya ne nnyentia pii, AWURADE ahome bɛsɔ ano sɛ sufre asubɔnten.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan