Yesaia 29 - KYERƐW KRONKRONYerusalem huyi ne ne nkwagye 1 Due, Ariel, Ariel, kurow a Dawid bɛtenaa mu no! Momfa afe nka afe ho, momma afahyɛ ntwa nhyia. 2 Na mɛma Ariel ho akyere no, na nkɔmmɔdi ne abubuwbɔ aba, na Yerusalem adan me sɛ Ariel a ase ne: Onyankopɔn muka. 3 Na mɛbɔ wo ho nsra mahyia, na mede srafo matwa wo ho dantaban, na mahɔre wo ho mpempe mahyɛ wo. 4 Na wobɛhwe ase, ɛfam na wufi bɛkasa, mfutuma mu na w’asɛm befi ayɛ huhuhuhu; wo nne bɛyɛ sɛ ɔsaman de afi fam, na mfutuma mu na w’asɛm asutu befi. 5 Na w’atamfo bebrebe no bɛyɛ sɛ mfutuma fekɔfekɔ, na atirimmɔdenfo bebrebe no ayɛ sɛ ntɛtɛwa a ɛsen kɔ, na ɛbɛba mpofirim, afrɛso. 6 Asafo AWURADE bɛba abɛhwɛ wo, ɔde ɔprannaa ne asasewosow ne gyegyeegye kɛse, kyinhyia mframa ne ahum ne ogyaframa a ɛhyew ade na ɛbɛba. 7 Na amanaman bebrebe a wɔatu Ariel so sa no nyinaa, wɔn a wɔtoa no ne n’aban hiahia ne ho no nyinaa, bɛyɛ sɛ ɔdae, anadwo adehu. 8 Na ɛbɛyɛ sɛ, obi a ɔkɔm de no so dae, na hwɛ, ɔredidi, na onyan a, ɔkɔm da so de no, anaasɛ, nea osukɔm de no so dae, na hwɛ ɔrenom nsu, na onyan a, na watɔ piti, na osukɔm da so de no, saa ara na amanaman bebrebe a wɔabetu Sion bepɔw so sa no nyinaa bɛyɛ. Ɔman no anifurae 9 Mo ani so nyɛ mo yaa na mo ho nnwiriw mo, monkeka mo ani mfomfam na mo ani mfura. Bow, nso ɛnyɛ nsa; Tɔ ntintan, nso emfi mpahyewa, 10 na AWURADE de nnahɔɔ honhom agu mo so, na wamuamua mo aniwa a ɛne adiyifo no, na mo ti a ɛne adehufo no, wakata so. 11 Na eyi nyinaa ho adehu bɛyɛ mo sɛ nhoma a wɔasɔw ano mu nsɛm, wɔde ma nea onim nhoma sɛ: Kan eyi ɛ! A, ɔka sɛ: Mintumi, na wɔasɔw ano. 12 Anaasɛ, wɔde ma nea onnim nhoma sɛ: Kan eyi ɛ! A, ɔka sɛ: Minnim nhoma. 13 Na Awurade se: Esiane sɛ ɔman yi de wɔn ano na ɛbɛn me na wɔde wɔn anofafa na edi me ni, na wɔn koma ne me ntam pan, na osuro a wosuro me no ayɛ nnipa ahyɛde a wɔasua nko nti, 14 hwɛ, mɛkɔ so me ne ɔman yi adi anwonwasɛm ma ayɛ nwonwa ne ahodwiriw, na wɔn anyansafo nyansa ayera, na wɔn nhumufo nhumu atu. 15 Wonnue, wɔn a wɔde agyinatu hintaw AWURADE fee, na wɔn nneyɛe wɔ esum mu, na wɔka sɛ: Hena na ohu yɛn anaa hena na onim yɛn? 16 Musi nneɛma ti ase! So wobu ɔnwemfo sɛ dɔte, na ayɛde aka akyerɛ ne yɛfo sɛ: Ɛnyɛ ɔno na ɔyɛɛ me, anaa annwene aka akyerɛ ɔnwemfo sɛ: Onnim de!? Nsakrae a ɛyɛ nwonwa 17 So ɛnyɛ kakraa bi na aka na Lebanon adan nnuaba turo, na nnuaba turo nso, wɔabu no sɛ kwae? 18 Ɛda no, asotifo bɛte nhoma mmobɔe no mu nsɛm, na anifuraefo aniwa afi kusuu ne sum mu ahu ade; 19 na wɔn a wodwo benya AWURADE mu anigye foforo, na nnipa mu ahiafo ho asɛpɛw wɔn Israel kronkronni no mu; 20 na otirimmɔdenfo nni hɔ bio na ahiiyifo asa, na wɔatwa wɔn a wodwen amumɔyɛsɛm nyinaa akyene, 21 wɔn a asɛm bi nti wɔtoto nnipa ano, na wosum nea ɔteɛ nnipa so wɔ kurow pon mu no afiri, na wɔde asɛnhunu bi tu ɔtreneeni asɛm gu. 22 Enti sɛ AWURADE a ogyee Abraham no ka kyerɛ Yakob fi ni: Afei Yakob ani renwu bio, na afei aniwu remma n’anim ntu fitaa bio. 23 Na sɛ ohu ne mma, ne me nsa ano adwuma wɔ wɔn mu a, wɔbɛma me din ayɛ kronkron, na wɔatew Yakob kronkronni no ho, na wɔafɛre Israel Nyankopɔn no. 24 Na wɔn a wɔfom wɔ honhom mu benya ntease, na anwiinwiifo nso ani begye kyerɛkyerɛ ho. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana