Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 28 - KYERƐW KRONKRON


Efraim ne Yuda ho atemmusɛm

1 Efraim asabofo ahantan abotiri, ne wɔn ahokyerɛ ahyehyɛde nhwiren a ɛretwam no nnue, kurow a ɛwɔ wɔn a nsa tɔ wɔn ntintan no srade bon atifi no.

2 Hwɛ, Awurade wɔ ɔhoɔdenfo ne otumfo bi, sɛ amparuwbo a ɛregu, ahum a ɛsɛe ade; ɔbɛka agu fam ahoɔden so sɛ osutɔ a ɛde nsu bebree a ɛyɛ den a ɛsram so ba no.

3 Na wobetiatia Efraim asabofo ahantan abotiri no so,

4 na n’ahokyerɛ ahyehyɛde nhwiren a ɛretwam a ɛwɔ srade bon atifi no ayɛ sɛ borɔdɔmakan a tew bere nnya nnui a obiara a ohu no nsa ka ara pɛ na wadi.

5 Ɛda no na asafo AWURADE bɛyɛ anuonyam abotiri ne ahoɔfɛ ahenkyɛw ama ne man nkae no,

6 ne atemmu honhom ama nea watena ase rebu atɛn no, ne mmaninyɛ ama wɔn a wɔka dɔm ma wɔsan kɔ wɔn kurow pon ano no.

7 Na eyinom nso de nsa retɔ ntintan, na wɔde mpahyewa rehinhim, ɔsɔfo ne odiyifo de mpahyewa retɔ ntintan, nsa amene wɔn, mpahyewa nti wohinhim, wɔtɔ ntintan, adehu mu, wɔpo dodow asenni mu.

8 Na ɛfe ne efi ayeyɛ apon nyinaa so ma a ɔkwan nni hɔ.

9 Ɛhena na ɔbɛkyerɛ no nimdeɛ, na hena nso na ɔbɛma wate asɛnka no ase? Wɔn a wɔatwa wɔn nufu, wɔn a wɔatew wɔn afi mpokua ano?

10 Na mmara akyi mmara, mmara akyi mmara; ahyɛde akyi ahyɛde, ahyɛde akyi ahyɛde; ɛha kakra, ɛhɔ kakra.

11 Na apɔtɔfo ano ne tɛkrɛma foforo na ɔde bɛkasa akyerɛ ɔman yi;

12 ɔno na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔhome ni! Momma nea wabrɛ nhome! Na ahodwo ni! Nanso wɔampɛ sɛ wotie no.

13 Enti AWURADE asɛm bɛdan wɔn mmara atia mmara, mmara atia mmara, ahyɛde atia ahyɛde, ahyɛde atia ahyɛde, ɛha kakra, ɛhɔ kakra, na wɔakɔ akopini nkyirinkyiri, na wɔabubu wɔn, na wɔatotɔ afiri mu, na wɔakyekyere wɔn.


Twea bo a ɛyɛ fɛ

14 Enti muntie AWURADE asɛm, mo afɛwdifo a mudi ɔman a ɛwɔ Yerusalem yi so.

15 Na moka sɛ: Yɛne owu apam, na yɛne asaman adi kasasie; mpire a ɛhwe tra so no, sɛ ɛretwam a, ɛrenka yɛn; efisɛ yɛde atoro ayɛ yɛn guankɔbea, na yɛde nnaadaa akata yɛn so.

16 Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede ɔbo bi atim Sion, ɔbo a wɔasɔ no ahwɛ, twea bo a ne bo yɛ den a etim hɔ tim pa ara, nea ogye di no renguan.

17 Na mede atemmu mɛyɛ susuhama, na mede trenee mayɛ nsenia, na amparuwbo ahum behwim atoro guankɔbea no, na hintabea no nso, nsu bɛsram so;

18 na mo ne owu apam no so bɛpopa, na mo ne asaman kasasie no rennyina mpire a ɛhwe tra so no, sɛ ɛretwam a, ebetiatia mo so;

19 mpɛn dodow a ɛretwa mu no, ɛbɛfa mo, efisɛ daa anɔpa, awia ne anadwo na ebetwam; na ɛho kaseɛ asete bɛyɛ ehu ara nko.

20 Na mpa no nware sɛ obi bɛteɛ ne mu wɔ so, na mmuatam no nso sɛ ɔde bebum no so.

21 Na AWURADE bɛsɔre sɛ ɔyɛe Perasim bepɔw so no, na ne bo ahuru sɛ Gibeon bon mu no, na wayɛ n’ade bi a ɛyɛ anwonwade, na wayɛ adwuma bi a ɛyɛ ananadwuma.

22 Na afei munnni fɛw bio, na mo nkyehama no mu anyɛ den. Na mate ɔsɛe pasaa a wɔasua ato hɔ, AWURADE, asafo AWURADE no nkyɛn, sɛ ɛreba asase nyinaa so.


AWURADE agyinatu a ɛyɛ nwonwa

23 Monyɛ aso na muntie me, monwɛn mo aso ntie m’asɛm.

24 So daa nyinaa na ɔfɛtɛwfo fɛtɛw sɛ obegu n’aba? Ofuntum siesie n’asase ani daa a?

25 So ɛnyɛ sɛ, ɔma ani taa wie a, ogu ɛme na ɔpete tɛtɛ, na odua awi kyerɛpɛn kyerɛpɛn, ne atoko nso wɔ n’afa, ne eyi wɔ afuw no ano?

26 Efisɛ wɔakyerɛ no ne yɛbea a eye, ne Nyankopɔn na ɔkyerɛɛ no.

27 Na ɛnyɛ awiporow ade na wɔde porow ɛme, na teaseɛnam nan mfa tɛtɛ so; na poma na wɔde boro me, na wɔde abaa boro tɛtɛ.

28 Wɔyam abodoo aburow, na wɔnna ho mporow no daapem; na sɛ obi teaseɛnam nan ne n’apɔnkɔ na ɛpete mpo a, ɛnyɛ ɔno na ɔyam.

29 Eyi nso, asafo AWURADE nkyɛn na efi; n’agyinatu yɛ nwonwa, na ne nyansa nni ano.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan