Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 27 - KYERƐW KRONKRON


Aman akɛse no asebrɛ

1 Ɛda no na AWURADE de n’afoa dennen a ɛso na ɛyɛ den no bɛtwe asuboa a ɔyɛ ɔwɔ a ne ho yɛ hare, asuboa a ɔyɛ ɔwɔ a ɔpompono no aso, na wakum po mu ɔtweaseɛ kɛse no.

2 Ɛda no, monto bobeturo fɛfɛ no ho dwom:

3 Me, AWURADE, na mehwɛ no, migu no so nsu bere nyinaa mu; mehwɛ no anadwo ne awia, na hwee ammɛyɛ no.

4 Abohuru bi nni me mu; sɛ mihu nsɔe ne nguare ɛ, anka mede ko mewura mu makɔhyew ne nyinaa.

5 Gye sɛ woguan toa me, na wɔne me di asomdwoesɛm, asomdwoesɛm na ma wɔne me nni.

6 Nna a ɛbɛba no mu Yakob begye ntini, na Israel afefɛw agu nhwiren, na wɔde aba ahyɛ wiase ani mama.

7 So wahwe no sɛ ɔhwee ne hwefo, anaasɛ wɔakum no sɛ wokum ne kumfo no?

8 Ne bɔne na wususuw so ne no dii, sɛ wokaa no kɔe; ɔde apuei mframa a ano yɛ den huw no, ɛda no.

9 Enti, eyi na wɔde bɛkata Yakob amumɔyɛ so, na oyi a wɔreyi ne bɔne akɔ no so aba nyinaa ni: Sɛ ɔbɛma afɔremuka abo no nyinaa ayɛ sɛ akado atɔw a afurofurow, na Asera nnua ne owia adum nsisi hɔ bio.

10 Na kurow a ɛyɛ den no ada ntuw ayɛ tenabea a wɔato no sraha na wɔagyaw no sɛ sare so; ɛhɔ na anantwi mma didi, na ɛhɔ na wobutubutuw awie n’abaa no we.

11 Sɛ ne mmobaa no guan a, wobubu, mmea bɛpɛ kɔsɔ gya; na wɔyɛ ɔman a wonni nhumu, enti wɔn yɛfo no yam nhyehye no mma wɔn, na nea ɔnwenee wɔn no nhu wɔn mmɔbɔ.

12 Ɛda no, AWURADE bɛporow n’aba afi asu Eufrate no hweam ano akosi Misraim subon no ano, na wɔatase mo, Israel mma, mmiako mmiako.

13 Na da no wɔbɛhyɛn torobɛnto kɛse, na wɔn a wɔyerae Asaria asase so ne wɔn a wosum wɔn kɔɔ Misraim asase so no aba, na wɔabɛsɔre AWURADE, bepɔw kronkron no so, Yerusalem.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan